1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Hes 21.28-32; Yer 49.1-6 Onipa ba, yi w’ani kyerɛ Amonfo, na hyɛ nkɔm tia wɔn.
3Hes 36.2; Kwa 2.16 Na ka kyerɛ Amonfo no sɛ: Muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ moka sɛ: Wiɛɛ! Sɛ me kronkronbea ho ahura, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda ofi ho nso, sɛ wɔkɔ tukɔ mu nti,
4hwɛ mereyi wo mama apueifo sɛ wɔmfa wo nni, na wɔmmobɔ wɔn nsra wo mu, na wonsisi wɔn tenabea wo mu; wɔn na wobedi w’aba, na wɔn ara anom wo nufusu;
5na mede Raba mɛyɛ yoma adan, na Amonfo asase ayɛ nguan butubea, na moahu sɛ mene AWURADE.
6Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ woabɔ wo nsam na wode wo nan apempem fam na w’ahantan nyinaa mu woama wo koma atɔ wo yam Israel asase ho no nti,
7hwɛ, mereteɛ me nsa mahyɛ wo, na mede wo mayɛ amanaman asade, na matwa wo afi aman mu, na masɛe wo afi nsaase mu, na madwerɛw wo, na woahu sɛ mene AWURADE.
Moabfo ateɛteɛ8 Yes 15; Yer 48 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Moab ne Seir ka sɛ: Hwɛ, Yuda fi ayɛ sɛ amanaman nyinaa nti,
9hwɛ, merebue Moab nkyɛn mu afi nkurow no so, nkurow a ɛdeda n’ahye ho so, asase a eye no, Bet-yesimot, Baal-meon de kɔka Kiriataim,
10mede mama apuei mma mapae Amonfo de no so, na mama wɔafa adi wɔn so, nea ɛbɛyɛ na wɔankae Amonfo bio aman mu,
11na mɛyɛ Moab atemmude, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
Edom ateɛteɛ12 Yer 49.7-22; Oba; Nnw 137.7 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Edom adi Yuda fi so were na wɔadi so pa ara na wɔatɔ wɔn so were no nti,
13sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛteɛ me nsa mahyɛ Edom, na matwitwa emu nnipa ne afieboa, na mayɛ no afo afi Teman, na wɔatotɔ nkrante ano akodu Dedan.
14Na mede me man Israel nsa mewie m’aweredi Edom so, na wɔne Edom adi no m’abufuw ne m’anibere so, na wɔahu m’aweredi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
Filistifo ateɛteɛ15 Yes 14.29; Yer 47; Sef 2.5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Filistifo atɔ no so were, na wɔde ɔkra mu ahitew atɔ wɔn ho were sɛ wɔde daa ɔtan bɛsɛe wɔn no nti,
161 Sa 30.14 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ mereteɛ me nsa mahyɛ Filistifo, na matwa Keretifo no, na masɛe nea aka mpoano no.
17Na mede abufuhyew kɛse mɛtɔ wɔn so were, na me were a medi wɔn so no mu wɔahu sɛ mene AWURADE.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.