Amos 3 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Amos kasa tia Israel

1Muntie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfo ho, mo a moyɛ mmusua a miyii mo fii Misraim asase so bae no nyinaa ho sɛ:

2 Deut 4.34 Mo nko na mahu mo,

asase so mmusua nyinaa mu,

enti nso, mo na metua mo,

mo amumɔyɛ nyinaa so ka.

3So baanu bɔ mu nantew

a wɔanyɛ nokoro kan?

4So gyata bobom kwae mu

a aboa bi nni n’anim anaa?

So gyataforo ma ne nne so fi ne tu mu

a ɔnkyere biribi?

5So anomaa tɔ afirim ɛfam

a hentia bi nni hɔ mma no?

So afiri bi huan fi fam

a enyii biribi anaa?

6 Yes 45.7; Kwa 3.37 Anaasɛ wɔhyɛn torobɛnto kurow mu

a ɔman mmɔ piriw?

Anaasɛ bɔne bi ba kurow bi mu

a ɛnyɛ AWURADE na ɔma ɛbae?

7Ampa ara AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi

gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ

ne nkoa adiyifo no ansa.

8Gyata abobom,

hena na ɔrensuro?

AWURADE Nyankopɔn akasa,

hena na ɔrenhyɛ nkɔm?

Samaria sɛe

9Momma ɛmfa Asdod aban so na wɔnte,

ne Misraim asase so aban so,

na monka sɛ: Mommoa mo ho ano,

Samaria mmepɔw so,

na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree

ne nhyɛso a ɛwɔ no mu no.

10Efisɛ wonnim adetreneeyɛ,

AWURADE asɛm ni,

wɔn na wɔboa atirimmɔden ne dwowtwa ano,

wɔn aban mu no.

11Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:

Ɔhohiafo betwa asase no ho ahyia,

na wayi w’ahoɔden afi wo ho ahwe fam,

na wafow w’aban dennen no.

12Sɛ AWURADE se ni: Sɛnea oguanhwɛfo hwim nnyaawa abien anaa asokoraa fi gyata anom no, saa ara nso na wobehwim Israelfo a wɔtete Samaria, te sɛ nnae twea so sin bi anaa mpa so ntama sin bi.

13Muntie, na munni Yakob fi adanse,

AWURADE Nyankopɔn, asafo Nyankopɔn, asɛm ni:

14Sɛ ɛda a mɛba mabɛtwe Israel mmarato so aso no,

mɛtwe Betel afɔremuka nso aso,

na wɔatwitwa afɔremuka no mmɛn,

na agu fam.

15 Amos 6.4; 1 Ah 22.39; Nnw 45.8 Na mɛbobɔ awɔwbere fi ne ahohurubere fi,

na asonse afi nso asɛe,

na afi bebree nso ase agu koraa,

Awura agu koraa,

Awurade asɛm ni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help