Luka 18 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔtemmufo a ɔnteɛ no

1 Farisini ne towgyeni no

9Na obuu binom a wɔde wɔn ho too wɔn ho so sɛ wɔteɛ na wommu wɔn a aka no bɛ yi sɛ:

10Nnipa baanu kɔɔ asɔrefi mpaebɔ; obiako yɛ Farisini, na obiako nso yɛ ɔtowgyeni.

11

13 Yesu hyira mmofra(Mateo 19.13-15; Marko 10.13-16)

15Na wɔde nkokoaa nso brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn; na asuafo no hui no, wɔkaa wɔn anim.

16Na Yesu frɛɛ mmofra no bae see asuafo no sɛ: Momma mmofra no mmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan! Na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.

17Daa nkwa(Mateo 19.16-29; Marko 10.17-30)

18Na ɔpanyin bi bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

19Na Yesu see no sɛ: Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Nyankopɔn.

20Ahopakyi so akatua

28Na Petro se: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa na yɛabedi w’akyi.

29Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ: Obi nni hɔ a wagyaw ofi anaa ɔyere anaa anuanom anaa awofo anaa mma Onyankopɔn ahenni nti,

30na ɔrennya no mmɔho pii ɛbere yi mu, ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa.

Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ a ɛto so abiɛsa(Mateo 20.17-19; Marko 10.32-34)

31 Luka 9.22; 9.44 Na ɔfaa dumien no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na nneɛma a adiyifo no akyerɛw afa Onipa Ba no ho nyinaa bɛba mu.

32Na wobeyi no ahyɛ wiase aman sodifo nsa, na wɔagoru ne ho, na wɔabɔ no adapaa, na wɔatete ntasu agu no so,

33na wɔabɔ no mmaa, na wɔakum no, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre bio.

34Mar 9.32 Na wɔn de, wɔante eyinom biara ase, na asɛm yi ahintaw wɔn, na wɔanhu nea ɔkae no.

Onifuraefo bi adehu(Mateo 20.29-34; Marko 10.46-52)

35Na ɛbae sɛ ɔrebɛn Yeriko no, na onifuraefo bi te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.

36Na ɔtee sɛ nkurɔfokuw bi retwam no, obisaa nea ɛrekɔ so.

37Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, Yesu Nasareni no na ɔretwam.

38Na ɔteɛɛm sɛ: Yesu, Dawid ba, hu me mmɔbɔ!

39Na wɔn a wodi kan no kaa n’anim sɛ ommua n’ano; nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛm dennen sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ!

40Na Yesu gyina hyɛe sɛ wɔmfa no mmrɛ no. Na ɔbɛnee no, obisaa no

41sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na ɔkae sɛ: Awurade, ma minhu ade.

42Luka 17.19 Na Yesu see no sɛ: Hu ade! Wo gyidi agye wo.

43Na amonom hɔ ara ohuu ade, na odii n’akyi de anuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa hui no, wɔde ayeyi maa Onyankopɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help