1 Yes 21.8 Megyina m’ahwɛe
na mede me ho besi aban so,
na masra mahwɛ asɛm ko
a ɔbɛka akyerɛ me,
ne nea mede bebua no me nkurobɔ ho.
2Na AWURADE buaa me sɛ:
Kyerɛw adehu no,
na kyerɛkyerɛ mu gu abopon so,
na wɔanya no akanye ahoɔhare so.
3 2 Pe 3.9 Na adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ,
na ɛrepɛ kwan aba na ɛyɛ nokware,
sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara,
na ba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.
4 Yes 48.22; Rom 1.17; Gal 3.11; Heb 10.38 Hwɛ, ahantanfo.
Wɔn kra nteɛ wɔ wɔn mu,
na ɔtreneeni de, ne gyidi mu
na obenya nkwa.
Nkonimdifo no nnue!5Na afei nso, Kaldeafo te sɛ asabofo,
na wɔyɛ nnipa ahokyerɛfo a wɔn ho nnwo da.
Wɔatrɛw wɔn kra akɔnnɔ mu sɛ asaman,
na wɔte sɛ owu a ɔmmee
na wɔfa amanaman nnommum ba wɔn nkyɛn,
na wɔfom aman nyinaa fa.
6Hwɛ bere bi reba
a wɔn nnommumfafo bɛserew wɔn
na wɔadi wɔn ho fɛw sɛ:
Nea ɔfow nneɛma bebree fa no
w’apoobɔ yi bɛkɔ so akosi da bɛn?
7So ɛnyɛ mpofirim
na wɔn a wɔde wo ka no bɛsɔre,
na wɔabɛhwanyan mo
na moadan wɔn asade?
8 Hab 2.17 Esiane sɛ woafow amanaman pii nti,
na woahyɛ nkurow ne emufo so,
na woahwie nnipa mogya agu nti,
wo nso aman bɛfow wo afa.
9Onnue, nea onya mfaso bɔne ma ne fi,
na ɔde ne berebuw besi sorɔnsorɔmmea
sɛ wayi ne ho afi mmusu nsam no.
10Woatu agyina bɔne anya aniwu ama wo fi,
sɛ woatwitwa aman pii agu
na woayɛ wo kra bɔne.
11Ɔbo fi ɔfasu mu bɛteɛm,
na mpuran afi nnua mu agye so.
12 Yer 22.13; Mika 3.10 Onnue, nea ɔkyekye kurow mogya mu,
na ɔto aban abusude mu.
13 Yer 51.58 Hwɛ, so emfi asafo AWURADE nkyɛn
sɛ aman yɛ adwuma brɛ ma ogya,
na nkurɔfo brɛ ma adehunu?
14 Yes 11.9 Na afei AWURADE anuonyam ho nimdeɛ,
bɛhyɛ asase so ma
sɛ nsu kata ɛpo so.
15Due, wo a woma wo yɔnko biribi nom
wɔ adwene bɔne kwan so
na woma ɔbow
na woahwɛ n’adagyaw mu.
16 Yer 25.15, 26 Ahohora amee wo asen anuonyam,
wo nso nom, na wo momonoto nna adi.
AWURADE nifa mu kuruwa bɛdan aba wo so,
na ɔfe ne ahohora begu w’anuonyam so.
17Na wo Babel,
asɛmmɔne a wodii no Lebanon;
mmoa sɛe a ɛbɔɔ wɔn piriw,
nnipa mogya a woka guu asase so,
ne kurow ne emufo nhyɛso no
nyinaa bɛba w’atifi.
18 Yes 44.10 Sɛ odwumfo sen ohoni a,
ɛho mfaso ne dɛn?
Ɛyɛ oguhoni ne atoro kyerɛkyerɛfo;
efisɛ odwumfo yɛ ahoni mum
a ɔde ne ho to n’ankasa n’adwinni
a odi no so.
19 Nnw 115.4-8 Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyan!
Na woka kyerɛ ɔbo mum sɛ: Sɔre!
So ebetumi akyerɛ biribi?
Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho,
na honhom biara nni mu.
20 Nnw 11.4; 76.8; Sak 2.13; Adi 8.1 Na AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu;
ma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.