1Aman nyinaa, mommɔ mo nsam,
momfa anigye huro mmɔ ose mma Onyankopɔn.
2Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu,
ɔyɛ ɔhenkɛse, asase nyinaa so.
3Ɔbrɛ aman ase de hyɛ yɛn ase,
na ɔde nkurɔfo hyɛ yɛn nan ase.
4
5 Nnw 68.18 Onyankopɔn de anigye huro kɔ ɔsoro,
AWURADE de torobɛnto gyigye kɔ.
6Monto Onyankopɔn dwom, monto ayeyi dwom,
monto dwom mma yɛn hene, monto ayeyi dwom.
7 Nnw 93.1 Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene,
mommɔ sanku nto nnwenho dwom.
8Onyankopɔn di amanaman so hene,
Onyankopɔn te n’ahengua kronkron so.
9 Nnw 89.18 Aman ahene boaboa wɔn ho ano,
Abraham Nyankopɔn man.
Na asase so akyɛm wɔ Onyankopɔn,
wɔama no so kɛse.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
