Daniel 11 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔbɔfo no abakɔsɛm ho nkɔmhyɛ

1Na me de, Mediani Dario afe a edi kan mu no, migyinae sɛ mereso no mu na mahyɛ no den.

2 Dan 10.21 Na afei, merekyerɛ wo nokware no: Hwɛ, ahene baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na nea ɔto so anan no benya ahonyade kɛse asen wɔn nyinaa, na sɛ onya n’ahonyade no mu ahoɔden a, ɔbɛhwanyan aman nyinaa ahyɛ Hela ahemman.

3Na ɔhene dɔmmarima bi bɛsɔre, na ɔde tumi kɛse bedi hene, na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ.

4Dan 8.8, 22 Na ogyina a, n’ahenni bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa anan no mu, nanso wɔremfa mma n’asefo, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wobetutu n’ahenni no de ama afoforo, na ɛnyɛ eyinom.

5Na anafo fam hene no bɛyɛ den, nanso ne mmapɔmma mu biako bɛyɛ den akyɛn no, na wanya tumi; na ne tumi bɛyɛ tumi kɛse.

6Na mfe bi akyi no, wɔbɛfofa wɔn ho ayɔnko, na anafo fam hene no babea aba atifi fam hene no nkyɛn sɛ ɔne no rebɛyɛ asomdwoe apam, nanso ɔbea no renkura ne basa ahoɔden no mu, na ɔbarima no ne ne basa nso rennyina, na wobeyi ɔbea no ne wɔn a wɔde no bae, nea ɔwoo no ne nea osoo no mu, mmere no mu no, ama.

7Na ɔbea no ntini mu baa bi a ɛfefɛwee bi bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛn atifi fam hene no abankɛse mu, na ɔne wɔn adi na wadi wɔn so.

8Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn gu ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinne afɛfɛ nnommum akɔ Misraim; na mfe bi ɔbɛtwe ne ho afi atifi fam hene no ho.

9Na ɔbɛba anafo fam hene no ahenni mu de, nanso ɔbɛsan akɔ n’asase so.

10Na ne mma bedi ako, na wɔbɛboa dɔm akɛse asafo yuu ano, na obiako bɛba sɛ nsu a ayiri asram so, na ɔbɛsan adi ako akodu n’abankɛse ho.

11Na anafo fam hene no ani bɛbre, na obefi aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko; na ɔde asafo yuu kɛse begyina hɔ, na wɔde asafo yuu no ahyɛ ne nsa;

12na asafo yuu no bɛsɔre, na ne koma ama ne ho so, na ɔbɛka mpem du du agu fam, nanso ɔrenni nim.

13Na atifi fam hene no bɛsan de asafo yuu a ɛso sen kan de no abegyina hɔ, na mfe bi akyi no, ɔde dɔm kɛse ne ade pii bɛba no so.

14Na mmere no mu no, nnipa pii bɛsɔre atia anafo fam hene no, na wo man mu atuatewfo bi bɛma wɔn ho so sɛ wɔrema anisoadehu no aba mu, nanso wɔbɛhwehwe ase.

15Na atifi fam hene no bɛba, na wabɛhɔre pempe, na wafa kurow bi a ɛyɛ den: Na nifa fam dɔm no rentumi nnyina, na ne nsraafo a wɔapaw wɔn mpo rennya ahoɔden nnyina.

16Dan 8.9 Na nea ɔba no so no bɛyɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a obegyina n’anim; na obegyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.

17Na ɔde besi n’anim sɛ ɔde n’ahemman nyinaa mu ahoɔden bɛba, na ɔne no abɛyɛ asomdwoe apam. Na ɔde mmea no mu bi bɛma no de asɛe ahemman no; na ɛrennyina, na ɛrenyɛ no mfaso bi.

18Na ɔbɛdan n’ani akyerɛ nsuano aman, na ɔbɛfa bebree; na ɔsafohene bi bɛma wagyae ahohora no bɔ, na mpo wadan ahohora no agu ɔno ankasa so.

19Na ɔbɛdan n’ani akyerɛ n’ankasa asase so abankɛse, nanso obehintiw ahwe ase, na wɔrenhu no.

Ɔhene no ho nkɔmhyɛ

20Na obi bɛsɔre asi n’ananmu a ɔbɛma ɔtowgyefo pempensifo bi abɛfa ahemman no anuonyanne mu akɔ, na nna kakra bi mu wɔbɛsɛe no, nanso ɛnyɛ abufuw anaa ɔsa mu.

21Dan 8.23 Na ɔhohorani bi bɛsɔre asi n’ananmu a wɔmfaa ahenni mu anuonyam mmaa no; na obefi mpaase aba de tɛkrɛmakyene abɛfa ahenni no.

22Na wɔde dɔm a ɛte sɛ nsuyiri bɛtwe wɔn akɔ na wɔabubu wɔn ne apam birɛmpɔn no nso wɔ n’anim.

23Nanso ɔne no pam wie a, obetwa no nkontompo, na watu aba de dɔm ketewa bi abedi nim;

24obefi mpaase aba asase no so nea ɛhɔ yɛ bɛtɛɛ, na wabɛyɛ nea n’agyanom ne ne nenanom nyɛe da, ɔbɛpete afow ade ne asade ne ahode ama wɔn, na ɔbɛbɔ ne tirim pɔw, aban a ɛyɛ den no ho akodu bere bi.

25Na ɔde dɔm kɛse bɛkanyan n’ahoɔden ne ne mmaninyɛ ahyɛ nifa fam hene no, na anafo fam hene no de dɔm a ɛyɛ den bebree betu sa, nanso ɔrennyina, efisɛ wɔakɔ ne tiri so apam.

26Na wɔn a wɔne no to nsa didi na wɔbɛsɛe no, na wɔatwe ne dɔm akɔ, na nnipa bebree bɛtotɔ.

27Na ahene baanu no de, wɔn koma bedwen asɛmmɔne na wɔaka atosɛm, didipon biako ho; nanso ɛrenyɛ wɔn mfaso bi, efisɛ awiei no bɛba ara ɛbere a wɔahyɛ no mu.

28Na ɔde ahode kɛse bɛsan akɔ n’asase so, nanso n’ani bɛsa apam kronkron no ara, na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ, na wasan akɔ n’asase so.

29Bere a wɔahyɛ no mu, ɔbɛsan aba anafo fam, nanso akyiri de no renyɛ sɛ kan de no.

30Na Kitifo ahyɛn bɛba no so; enti ne bo betu na wasan, na ne bo behuru apam kronkron no, na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ, na wasan na n’ani aba wɔn a wogyaw apam kronkron no so.

31Dan 9.27; 12.11; Mat 24.15 Na ɔde dɔm besisi hɔ, na wɔahura kronkronbea ne aban no ho, na wɔayi daa afɔre no, na wɔde amamfoyɛ akyide no asi hɔ.

32Na wɔn a wɔbɔ apam no ho mmusu no, ɔde tɛkrɛmakyene bɛsɛe wɔn ara; nanso wɔn a wonim wɔn Nyankopɔn no bɛhyɛ wɔn ho den, na wɔayɛ ade.

33Dan 12.3 Na ɔman no mu wɔn a wonim de no bɛma nnipa bebree anya nhumu, nanso wɔbɛtotɔ nkrante ano ne ogyaframa mu, nnommumfa ne afow mu, nna bi.

34Na sɛ wɔtotɔ saa a, wɔde ɔboa ketewa bi na ɛbɛboa wɔn, na nnipa bebree de adɔkɔdɔkɔsɛm bɛbata wɔn ho.

35Na mmadwemma no binom bɛtotɔ na wɔde ayi wɔn mu fi de atew wɔn ho ahoa wɔn ho fitaa akosi awiei bere no, efisɛ ɛbere a wɔahyɛ no bɛba ara.

36 2 Te 2.4; Dan 7.8, 25; Adi 13.5-6 Na ɔhene no bɛyɛ nea ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwonwasɛm atia nyame mu Nyame no, na ebesi no yiye akosi sɛ wobeyi abufuw no adi awie; na nea wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.

371 Tim 4.3 Na ɔremmu n’agyanom anyame, na ɔremmu mmea anigyede no ne onyame biara, na obedi ade nyinaa so akokurokosɛm;

38na obedi abandennen nyame no ni asi wɔn ananmu, na onyame a n’agyanom nnim no no, ɔde sika ne dwetɛ ne abohene ne afɛfɛde bedi no ni.

39Na ɔde onyame nanani bi na ɛne abandennen a ɛyɛ den koraa no bedi; nea obu no no, ɔbɛma n’anuonyam aso na wama wadi nkurɔfo bebree so, na wakyɛ asase no de ayɛ akatua.

Awiei bere no

40Na awiei bere no mu na anafo fam hene no ne no besi anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfo ne ahyɛn bebree betu aba no so sɛ ahum na waba nsaase no so abɛsen sɛ nsu a ayiri.

41Dan 11.16 Na ɔbɛba asase fɛfɛ no so, na nnipa bebree bɛtotɔ; na eyinom befi ne nsam afi: Edom ne Moab ne Amonfo mu fa kɛse.

42Na ɔbɛteɛ ne nsa nsaase no so na Misraim asase remfi mu mfi,

43na obenya sika ne dwetɛ akorade ne Misraim afɛfɛde nyinaa adi so, na Libiafo ne Etiopiafo bedi n’anammɔn akyi.

44Nanso nsɛm a ɔbɛte afi apuei ne atifi fam beyi no hu, na ɔde anibere kɛse befi akɔ sɛ ɔkɔsɛe na wadwerɛw nnipa bebree.

45Na obesi n’ahemfi ntamadan ɛpo ne bepɔw fɛfɛ kronkron no ntam, nanso n’awiei bɛba a obi nni hɔ a obedi aboa no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help