Yesaia 54 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn dɔ ma Israel

1 Yes 49.20; Gal 4.27 To dwom, wo bonin a woanwo;

to anigye dwom na fa ahosan teɛm,

wo a wonkyem mma ɛ!

Na onnibie mma bɛdɔɔso

asen nea ɔwɔ okunu mma, AWURADE na ose.

2Ma wo ntamadan mu ntrɛw,

na wɔntwe wo tenabea mmɔhɔɔ no mu,

nkyɛe biara so. Ma wo ntampehama nware,

na ma wo mmofunnua ntintim.

3Na wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum,

na w’asefo afa amanaman no,

na woama wɔatenatena nkurofo no so.

4 Yer 51.5 Nsuro, na w’ani renwu,

nsi wo ti ase, na w’anim renkisa,

na wo werɛ befi wo mmabaabere mu aniwu,

na wo kunayɛ ahohora no, worenkae bio.

5 Hos 2.19 Na wo yɛfo ne wo kunu,

asafo AWURADE ne ne din,

na wo dimafo, ne Israel kronkronni no,

wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.

6 Yes 50.1 Na AWURADE afrɛ wo

sɛ ɔbea a wɔagyaw no na ɔredi honhom mu yaw,

sɛ mmerantebere mu yere a wɔapa no,

wo Nyankopɔn na ose.

7 Nnw 30.5 Migyaw wo kakraa bi ketewa sɛ,

nanso ayamhyehye kɛse na mede mɛboa w’ano.

8 Yes 60.10 Abufuw mmoroso mu

na mede m’ani mihintaw wo kakraa bi,

nanso mede daa adɔe mehu wo mmɔbɔ,

wo dimafo AWURADE na ose.

9 Gye 9.11-17 Na eyi yɛ me sɛ Noa nna no:

Sɛnea mekaa ntam sɛ Noa nsu

no mmfa asase so bio no,

saa ara nso na maka ntam sɛ me bo remfuw wo

na merenteɛteɛ wo bio.

10 Hes 37.26 Na mmepɔw betwiw akɔ

na nkoko atutu,

na m’adɔe de, ɛrentwe mfi wo so,

na m’asomdwoe apam no rentutu,

AWURADE a ne yam hyehye no ma wo no na ose.

11O Mmɔboroni a ahum bɔɔ wo a wɔnkyekyee wo werɛ ɛ,

hwɛ, me ara mede w’abo mɛtoto ntɔnkadubiri mu,

na mede hoa abo mato wo nhyɛase,

12 Adi 21.18-21 na mede bogya abo mayeyɛ w’abantifi,

na mede nsramma abo mayɛ w’aponkɛse,

ne wo nkurotia mu nyinaa abo afɛfɛ.

13 Yoh 6.45 Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafo,

na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.

14Trenee mu na w’ase betim;

wo ne nhyɛso ntam bɛpan, na worensuro,

na wo ne ahude nso ntam bɛpan, na ɛremmɛn wo.

15 Rom 8.31 Hwɛ, wɔpɛ wo atutuw,

nso emfi me;

nea osua wo so no,

wo nti ɔbɛhwe ase.

16Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfo

a ohuw gyabiriw mu,

na ɔbɔ akode sɛ ne dwuma te,

na me ara na mebɔɔ ɔsɛefo sɛ ɔnsɛe.

17Akode biara a wɔbɔ tia wo no renyɛ yiye,

na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ;

ɛno ne AWURADE nkoa agyapade

ne wɔn trenee a efi me no, AWURADE asɛm ni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help