Daniel 10 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ahoyi a efi soro ba

1 Dan 1.21 Persia hene Kores afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo no din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokware, na ɔko no so; na ɔtee asɛm no ase, na onyaa adehu no mu nhumu.

2Nna no mu na me, Daniel, me werɛ howee adapɛn abiɛsa;

3manni aduan a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nanso mansra koraa kosii sɛ adapɛn abiɛsa no wiee odu.

4Na ɔsram a edi kan no da a ɛto so aduonu anan no na mewɔ asu kɛse Hidekel ano.

5Hes 9.2; Adi 1.13-15 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ofura nwera na Ufas sika bɔ n’asen ni;

6na ne nipadua te sɛ sikabereɛbo, na n’anim te sɛ anyinam, na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne n’anan te sɛ ayowa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyigyei te sɛ ɛpo huuyɛ nnyigyei.

7Na me, Daniel, nko na mihuu anisoade no, na mmarima a ɛka me ho no anhu ade no, nanso ehu kɛse kaa wɔn, na woguan kohintawee.

8Na ɛkaa me nko, na mihuu anisoade kɛse yi, na ahoɔden bi anka me mu, na m’ahoɔfɛ dan yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na mannya ahoɔden biara.

9Dan 8.17-18 Na metee ne nsɛm nne; na metee ne nsɛm nne no, na m’ani so birii me ma mehwee ase, na m’anim butuw fam.

10Na hwɛ, nsa bi bɛkaa me kanyan me ma meweaweaa me nankoroma ne me nsa so.

11Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ wo, na gyina wo nan so, efisɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopo migyinae.

12Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na efi da a wode wo koma too so sɛ wobɛte ase na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebae.

13Dan 10.20-21 Na Persia ahemman bapɔmma siankaa me adaduonu da biako, na hwɛ, mmapɔmma atitiriw no mu biako, Mikael, bae bɛboaa me, na metenaa hɔ Persia ahene no nkyɛn.

14Dan 9.22 Na maba sɛ merebɛma woate nea ɛbɛyɛ wo man, nna a edi akyiri no mu; na nna no ho anisoadehu da so wɔ hɔ.

15Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede m’anim misii fam, na metɔɔ mum.

16Yes 6.7; Yer 1.9 Na hwɛ, obi a ɔte sɛ nnipa mma sɛso kaa m’anofafa, na mibuee m’ano mekasae meka mekyerɛɛ nea ogyina m’anim no sɛ: Owura, anisoadehu no mu m’akwaa ahima, na ahoɔden biara nni me mu;

17na ɛbɛyɛ dɛn na me wura akoa yi betumi ne me wura yi akasa? Efisɛ afei de, ahoɔden biara nni me mu, na ɔhome bi nso nni me mu.

18Na obi a ɔte sɛ onipa sɛso san bɛkaa me bio, na ɔhyɛɛ me den;

19Adi 1.17 na ose: Nsuro, ɔdɔfo, asomdwoe nka wo, yɛ den, yɛ den! Na ɔne me kasae no, mehyɛɛ me ho den, na mise: Ma me wura nkasa, efisɛ woahyɛ me den.

20Dan 10.13 Na ose: So, wunim nea enti a mebaa wo nkyɛn? Na afei na mɛsan me ne Persia bapɔmma no akɔko; na merebefi makɔ a, hwɛ, Hela bapɔmma no bɛba.

21Nanso mɛkyerɛ wo nea wɔakurukyerɛw nokware nhoma no mu, na obiara nni hɔ a obegyina aso me mu atia eyinom gye, mo bapɔmma Mikael.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help