1 Deut 24.1-4 Wose: Sɛ ɔbarima bi ko ne yere,
na ofi ne nkyɛn
kɔyɛ ɔbarima foforo de a,
so ɔbɛsan aba ne nkyɛn bio anaa?
Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa?
Na wo de wo ne adɔfo pii abɔ aguaman de,
nanso san bra me nkyɛn!
AWURADE asɛm ni.
2Ma w’ani so kyerɛ nkoko pataa no so, na hwɛ!
Ɛhe na wonguu wo ho fi ɛ?
Akwankyɛn na wote twɛn wɔn,
sɛ sare so Arabiani,
na wode w’aguamammɔ
ne wo nnebɔne agu asase no ho fi.
3Enti asusow ano asiw,
na adonsu ntɔ.
Nanso w’anim te sɛ ɔbea aguaman de ara,
na wunnim aniwu.
4So afei de womfrɛɛ me sɛ:
M’agya, me mmabunbere mu adamfo ne wo!
5So ɔde bɛhyɛ ne yam akosi daa a?
So ɔbɛfa abufuw akosi ase?
Hwɛ, woka no saa de,
nanso woyɛ nnebɔne
a wubetumi nyinaa.
6 Yer 2.20 Na AWURADE ka kyerɛɛ me ɔhene Yosia bere so sɛ: Woahu nea ɔkobɔfo Israel ayɛ yi? Wakɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so ne dua biara a esi frɔmm ase akɔbɔ aguaman wɔ hɔ.
7Na mise: Ɔyɛ eyinom nyinaa wie a, ɔbɛsan aba me nkyɛn, nanso wansan: Na ne nuabea sansani Yuda hui;
82 Ah 17.18-19; Hes 23.2-11 ohui sɛ ɔkobɔfo Israel awaresɛe nti ara na mekoo no maa no ɔko nhoma de, nanso ne nuabea sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔe kɔbɔɔ aguaman.
9Na aguamammɔ a wammu no hwee nti, oguu asase no ho fi, na ɔne ɔbo ne dua sɛee aware.
10Na eyi nyinaa mu mpo ne nuabea sansani Yuda amfa ne koma nyinaa ansan amma me nkyɛn, ɔbɛdaadaa me, AWURADE asɛm ni.
Yerusalem ne Yuda so nhyira11Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɔkobɔfo Israel kra teɛ sen ɔsansani Yuda.
12Nnw 103.8-9 Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ:
San w’akyi, ɔkobɔfo Israel!
AWURADE asɛm ni.
Meremmuna m’anim menkyerɛ mo bio,
na ɔdomfo ne me,
AWURADE asɛm ni.
Meremfa menhyɛ me yam nkosi daa.
13Hu w’amumɔyɛ no nko,
sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no,
na woabɔ anworaman akɔ ananafo nkyɛn,
dua biara a esi frɔmm ase,
na me nne de, muntiei,
AWURADE asɛm ni.
14 Hos 2.21; Yes 6.13 Mma akyirisanfo, monsan mmra,
AWURADE asɛm ni,
na mene mo wura;
na mɛfa mo, kurow biara mu,
obiako, ne abusua biara mu, baanu,
na mede mo maba Sion.
15 Yer 23.4 Na mɛma mo ahwɛfo sɛ me koma pɛ, na wɔde nhumu ne nimdeɛ ayɛn mo.
16Na mo dɔɔso na mo ase fɛe asase no so a, saa bere no, AWURADE asɛm ni, wɔrenka bio sɛ: AWURADE apam adaka! Na ɛremma koma mu, na wɔrenkae, na wɔrenhwehwɛ, na wɔrenyɛ bi bio.
17Yes 2.2-4; 65.2 Ɛbere no mu na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ AWURADE ahengua, na amanaman nyinaa abehyiam ne nkyɛn, ama AWURADE din wɔ Yerusalem, na wɔrenni wɔn koma bɔne denyɛ akyi bio.
18Yes 11.11-13 Nna no mu na Yuda fi ne Israel fi bɛbom anantew, na wɔafi atifi fam asase so aba asase a mede memaa wɔn agyanom dii so no so.
19 Yer 3.4 Na mise: Mede wo mesi me mma mu,
na mede asase a ɛyɛ fɛ,
amanaman asafo anuonyam apɛgyade, mama wo.
Na mise: Mobɛfrɛ me sɛ:
M’agya, na morensan mfi m’akyi bio.
20Ampa, sɛ ɔbea twa ne dɔfo nkontompo no,
sɛ mo, Israel fi, moatwa me nkontompo ne no,
AWURADE asɛm ni.
21Wɔte nne bi nkoko pataa so,
Israel mma su ne nkotɔsrɛ,
sɛ wɔakɔntɔn wɔn kwan,
wɔn werɛ afi AWURADE,
wɔn Nyankopɔn no.
22 Hos 6.1 Monsan mo akyi,
mma akyirisanfo,
mɛsa mo akyirisan no.
Hwɛ, yɛn ni, yɛreba wo nkyɛn,
na wone AWURADE, yɛn Nyankopɔn.
23Ampa ara, nkoko ne mmepɔw so hooyɛ yɛ ɔkwa.
Ampa ara, AWURADE, yɛn Nyankopɔn mu
na Israel nkwagye wɔ.
24Na aniwude no adi nea yɛn agyanom brɛɛ ho no fi yɛn mmofraase: Wɔn nguan ne wɔn anantwi ne wɔn mmabanin ne wɔn mmabea.
25Momma yɛnneda yɛn aniwu mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom, fi yɛn mmofraase de besi nnɛ, na yɛantie AWURADE, yɛn Nyankopɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.