Hiob 41 - KYER?W KRONKRON(RATB)

1 Yes 27.1 So wubetumi atwe dɛnkyɛmmirampɔn darewa ano,

na wode hama akyere ne tɛkrɛma anaa?

2So wode kaa bɛhyɛ ne hwenem,

na wode akɔtɔkoro ahwirew n’afono mu?

3So ɔbɛkotɔ asrɛ wo pii,

anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo?

4So ɔne wo bɛpam apam,

sɛ fa no yɛ akoa daa?

5So wo ne no begoru sɛ anomaa,

na woasa no ahama ama wo mmabaa anaa?

6So apofofo asafo besi no koso,

na wɔakyɛ no mu aguadifo mu?

7So wode mpeaw bɛhyɛ ne were mu ma,

na wode mpataa mpɛmɛ awowɔ ne tirim?

8Wode fa wo nsa ka no, hwɛ ɛ,

na nea wobehu, worenyɛ no saa bio!

9Hwɛ, onipa anidaso yɛ ohunu,

so ɛnyɛ ne hwɛ po na ɛma obi hwe ase?

10Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no,

na hena ne nea obetumi agyina n’anim?

11Hena na wadi kan ama me biribi na menhyɛ no ananmu?

Nea ɛwɔ ɔsoro nyinaa ase, me na ɛwɔ me.

12Merennyae ne honam ade,

ne ne mmaninyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ no ho asɛnka.

13Hena na obeyi ne ho abon?

Ne se kyerɛpɛn abien no,

hena na ɔbɛkɔ anim?

14N’anim apon nso, hena na obehiɛ?

Ne se ho yɛ hu.

15N’akyɛm akyerɛpɛn yɛ fɛ,

wɔatotom sɛ ade a wɔasɔ ano.

16Ɛpempem so pɛpɛɛpɛ,

a mframa nnya mu kwan;

17ɛfomfam wɔn ho,

edi nsusom na emu nni atewye.

18Ne nwansi ma hann hyerɛn,

na n’aniwa te sɛ adekyee anisuatɛtɛw.

19Agyatɛn fi n’anom,

ogya nturuturuwii fifi mu.

20Owusiw fi ne hwene mu tokuru mu,

sɛ ɔsɛn a emu rehuru ne nkyɛkyerɛ a ɛrehyew mu.

21N’ahome sɔ nsramma,

na ogyaframa fi n’anom.

22Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ,

na akomatu saw wɔ n’anim.

23Ne honam a ɛsensɛn hɔ fomfam ho pintinn,

wogui wɔ ne ho, na entwiw.

24Ne koma yɛ den sɛ ɔbo,

ɛyɛ den sɛ owiyammo.

25Sɛ ɔma ne ho so a,

atumfo ho popo,

na ehu ma wɔn ani so yɛ wɔn krakra.

26Wɔde nkrante ka no a, ɛnka,

peaw ne pɛmɛ a wɔtow ne dade akode po;

27obu dade sɛ ntɛtɛwa,

ne kɔbere sɛ duwui;

28bɛmma nka no ngu,

ataabo mu abo yɛ no sɛ nkyɛnkyɛma;

29obu aporibaa sɛ nkyɛnkyɛma,

na ɔserew peaw a wɔtow huuyɛ.

30N’ase yɛ abon hwetahweta,

obua atɛkyɛ so sɛ porow ade.

31Ɔma ebun mu huru sɛ ɔsɛn mu,

ɔyɛ po sɛ srade.

32Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi,

ma wobu ebun a ehuru no sɛ dwen.

33Ne sɛso nni asase so;

wɔyɛɛ no sɛ onsuro hwee;

34ɔhwɛ ade a ɛkorɔn nyinaa;

ɔne ahokyerɛ mma nyinaa hene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help