Yosua 21 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Lewifo nkurow

1 Yos 14.1 Na Lewifo agyanom atitiriw baa ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw agyanom atitiriw nkyɛn,

2Num 35.2-8 na wɔka kyerɛɛ wɔn Silo, Kanaan asase so sɛ: AWURADE nam Mose so hyɛe sɛ wɔmma yɛn nkurow ntena mu, ne ɛho mfikyisaase mma yɛn mmoa.

3Na Israelfo de wɔn agyapade mu nkurow yi ne ɛho mfikyisaase maa Lewifo, sɛnea AWURADE hyɛe no.

4Na ntonto no bae maa Kehatfo mmusua, na ɔsɔfo Aaron mma a wofi Lewifo mu no nam ntonto so nyaa Yuda abusuakuw ne Simeon abusuakuw ne Benyamin abusuakuw mu nkurow dumiɛnsa.

5Na Kohatfo a wɔkae no nam ntonto so nyaa Efraim abusuakuw mmusua ne Dan abusuakuw ne Manase abusuakuw fa no mu nkurow du.

6Na Gerson mma nam ntonto so nyaa Isakar abusuakuw mmusua ne Aser abusuakuw ne Naftali abusuakuw ne Manase abusuakuw fa a ɛwɔ Basan no mu nkurow dumiɛnsa.

7Merari mma, sɛ wɔn mmusua te no, wonyaa Ruben abusuakuw ne Gad abusuakuw ne Sebulon abusuakuw mu nkurow dumien.

8Na Israelfo nam ntonto so de nkurow yi ne ɛho mfikyisase maa Lewifo, sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no.

9Na wɔde Yudafo abusuakuw ne Simeonfo abusuakuw mu nkurow a wɔbɛbobɔ din yi mae.

10Na ɛba maa Aaron mma a wofi Kehatfo mmusua mu, Lewifo mu no, efisɛ wɔn de ne ntonto a edi kan no.

11Yos 20.7 Na wɔde Kiriat-arba, Anak agya no kurow a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw so ne ɛho mfikyisase a etwa ho hyia no maa wɔn.

12Yos 14.14; 15.13 Na kurow no ho mfuwa ne nkuraa no de, wɔde maa Yefune ba Kaleb sɛ agyapade.

13Na ɔsɔfo Aaron mma no, wɔde nnipakumfo guankɔbea kurow Hebron ne ɛho mfikyisase maa wɔn, ne Libna ne ɛho mfikyisase,

14ne Yatir ne ɛho mfikyisase, ne Estemoa ne ɛho asase,

15ne Holon ne ɛho asase, ne Debir ne ɛho asase,

161 Sa 6.12, 15 ne Ain ne ɛho asase, ne Yuta ne ɛho asase, ne Bet-semes ne ɛho asase: Mmusuakuw abien yi mu nkurow akron.

17Na Benyamin abusuakuw mu de, wɔde Gibeon ne ɛho mfikyisase ne Geba ne ɛho asase,

18Yer 1.1 ne Anatot ne ɛho asase ne Almon ne ɛho asase mae: Nkurow anan.

19Aaron mma asɔfo no nkurow nyinaa si nkurow dumiɛnsa ne ɛho mfikyisase.

20Na Kohat mma Lewifo no, Kohat mma nkae no mmusua no, wɔn ntonto nkurow fii Efraim abusuakuw mu.

21Yos 20.7 Wɔde nnipakumfo guankɔbea kurow Sekem ne ɛho mfikyiase maa wɔn, Efraim bepɔw so, ne Geser ne ɛho mfikyisase,

22ne Kibsaim ne ɛho asase, ne Bet-horon ne ɛho asase: Nkurow anan;

23ne Dan abusuakuw mu: Elteke ne ɛho mfikyisase, Gibeton ne ɛho asase,

24Ayalon ne ɛho asase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkurow anan;

25ne Manase abusuakuw fa no mu: Taanak ne ɛho mfikyisase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkurow abien.

26Nkurow a ɛyɛɛ Kehat mma nkae no mmusua no de nyinaa si nkurow du ne ɛho mfikyisase.

27 Yos 20.8 Na Gerson mma a wofi Lewifo mmusua no mu no, wɔmaa wɔn Manase abusuakuw fa no mu nnipakumfo guankɔbea kurow Golan wɔ Basan, ne ɛho mfikyisase, ne Beestra ne ɛho asase: Nkurow abien;

28ne Isakar abusuakuw mu: Kision ne ɛho mfikyisase, Daberat ne ɛho asase,

29Yarmut ne ɛho asase, En-ganim ne ɛho asase: Nkurow anan;

30ne Aser abusuakuw mu: Misal ne ɛho mfikyisase, Abdon ne ɛho asase,

31Helkat ne ɛho asase, ne Rehob ne ɛho asase: Nkurow anan;

32Yos 20.7 ne Naftali abusuakuw mu: Nnipakumfo guankɔbea kurow Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mfikyisase, ne Hamot-dor ne ɛho asase, ne Kartan ne ɛho asase: Nkurow abiɛsa.

33Gersonfo nkurow nyinaa, sɛ wɔn mmusua te no, esi nkurow dumiɛnsa ne ɛho mfikyisase.

34Na Merari mma, Lewifo nkae no mmusua no, wɔmaa wɔn Sebulon abusuakuw mu: Yokneam ne ɛho mfikyisase, Karta ne ɛho asase,

35Dimna ne ɛho asase, ne Nahalal ne ɛho asase: Nkurow anan;

36Yos 20.8 ne Ruben abusuakuw mu: Beser ne ɛho mfikyisase, Yahas ne ɛho asase,

37Kedemot ne ɛho asase, Mefaat ne ɛho asase: Nkurow anan;

38Yos 20.8 ne Gad abusuakuw mu: Nnipakumfo guankɔbea kurow Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho mfikyisase, Mahanaim ne ɛho asase,

39Hesbon ne ɛho asase, Yaser ne ɛho asase: Nkurow anan.

40Merari mma mmusua horow a wɔaka Lewifo mmusua mu no nkurow nyinaa, wɔn ntonto de ne nkurow dumien.

41Lewifo nkurow a wonyae Israelfo agyapade mu no nyinaa si nkurow aduanan awotwe ne ɛho mfikyisase.

42Nkurow yi mu biara wɔ mfikyisase a atwa ho ahyia, saa na ɛte nkurow yi nyinaa ho.

Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so

43 Gye 12.7 Na AWURADE de asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no nyinaa maa Israel, na wodii so tenaa so.

44Na AWURADE maa wɔn asomdwoe hyiae, sɛnea ɔkaa wɔn agyanom ntam no ara, na wɔn atamfo nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfo no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.

45Yos 23.14 Asɛm pa a AWURADE kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help