Numeri 9 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Twam afahyɛ wɔ Sinai

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai sare so, wɔn Misraim asase so fi afe a ɛto so abien sram a edi kan no mu sɛ

2Eks 12; Lew 23.5 Ma Israelfo nni twam no ne bere mu.

3Ɔsram yi da a ɛto so dunan no anwummere, munni no ne bere mu sɛnea; n'ahyɛde ne n'akwan nyinaa so na munni.

4Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonni twam no.

5Na wodii twam no ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere, Sinai sare so; sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa na Israelfo no yɛe.

6 Deut 19.11 Na mmarima bi wɔ hɔ a wɔn ho akum funu bi ho, na wɔantumi anni twam no da no; na wɔbaa Mose ne Aaron anim da no ara;

7na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn de, yɛn ho akum funu bi ho; dɛn nti na wɔkame yɛn sɛ yɛmmfa yɛn ayɛyɛde mmmrɛ AWURADE ne bere mu wɔ Israelfo mu?

8Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnyina hɔ na minkotie nea AWURADE bɛhyɛ ama mo.

9Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

10Kasa kyerɛ Israelfo no sɛ Sɛ mo anaa mo asefo mu bi ho kum funu bi ho anaasɛ ɔwɔ akwantu mu akyirikyiri a, onni twam mma AWURADE ara.

11Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan anwummere na wonni; apiti ne fan nwenenwene na wɔmfa nni:

12wonnnyaw bi nnkosi anɔpa na wommmu ne dompe bi; wonni no twam no ho ahyɛde no nyinaa so.

13Na nea ne ho tew na ontuu kwan na ɔpa twam no di no, wobetwa ɔkra no afi ne man mu akyene, efisɛ wamfa AWURADE ayɛyɛde no amma ne bere mu; saa onipa no nsoa ne bɔne.

14Na sɛ ɔhɔho bi bɛsoɛ mo mu a, onni twam mma AWURADE: twam ahyɛde ne ne yɛbea no so na onni; ɔhɔho oo, asase no soni oo, ahyɛde biako na ɛnna hɔ mma mo.

Ogya ne omununkum fadum

15 Eks 40.34-38 Na ɛda a wɔmaa tenabea no so sii hɔ no, omununkum no bɛkataa adanse ntamadan no tenabea no so, na anadwofa, wɔhwɛ a, ɛdɛw sɛ ogya, tenabea no so, de kosi anɔpa.

16Saa na ɛyɛ daa: omununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo.

17Na sɛ omununkum no ma ne ho so fi ntamadan no so a, na Israelfo no tu; na nea omununkum no gyina no, ɛhɔ na Israelfo no bɔ nsra.

18AWURADE anom asɛm so na Israelfo no nam tu, na AWURADE anom asɛm so na wɔnam bɔ nsra; nna a omununkum no tena tenabea no so nyinaa, wɔtena nsram.

19Na mpo sɛ omununkum no di tenabea no so nna pii a, Israelfo no yɛ AWURADE ahyɛde, na wontu.

20Na sɛ ebia omununkum no tena tenabea no so nna kakraa bi a, AWURADE anom asɛm so na wɔnam bɔ nsra, na AWURADE anom asɛm so na wɔnam tu.

21Na sɛ ebia omununkum no gyina fi anwummere kosi anɔpa na ɛma ne ho so anɔpa a, wotu; anaasɛ awia ne anadwo na omununkum no ma ne ho so a, wotu;

22na sɛ nnanu, sɛ ɔsram, sɛ nna bebree, na omununkum no di tenabea no so a esi so ara a, Israelfo no tena nsram na wontu; na sɛ ɛma ne ho so a, na wotu.

23AWURADE anom asɛm so na wɔnam bɔ nsra, na AWURADE anom asɛm so na wɔnam tu; AWURADE ahyɛde na wɔyɛe, sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help