1 Nnw 44.24 AWURADE, adɛn nti na wugyina akyirikyiri,
na wode wo ho hintaw ahokyere bere mu?
2Ɔbɔnefo ahantan nti, ɛmma mmɔboroni ho hyehye no,
wɔde wɔn tirimpɔw a wɔabɔ no nkyere wɔn.
3Na ɔbɔnefo hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho,
na omimfo ka abususɛm yi AWURADE ahii.
4Ɔbɔnefo dwa n’anom ka sɛ: Hwee mfa me ho.
Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no.
5 Amos 6.3 N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa.
W’atemmude asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri,
ɔmfa n’ahohiafo nyinaa nyɛ hwee.
6 Nnw 73.4-8 Ose ne komam sɛ: Merenhim da,
daa nyinaa merenhyia amane biara da.
7 Rom 3.14 Nnome, nkontomposɛm ne amimdi ahyɛ n’anom ma,
na ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.
8Ɔtetew nkuraa hintabea,
odi nea ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam,
n'ani sa awiɛmfo.
9 Nnw 17.12 Obuw kokoam, sɛ gyata wɔ ne bon mu,
obuw sɛ ne nsa bɛka mmɔboroni,
ne nsa ka mmɔborɔfo no twe wɔn ba n’afiri mu.
10Ɔkotow, 'ɔdɛɛdɛɛ,
na awiɛmfo akɔka ne nsa.
11 Nnw 94.7 Ose ne komam sɛ: Onyankopɔn werɛ afi,
ɔde n’ani ahintaw, ɔrenhu ara da.
12Ao! AWURADE, sɔre ɛ! Ao,
Onyankopɔn, ma wo nsa so.
Mma wo werɛ mmfi amanehunufo.
13Adɛn nti na ɔbɔnefo yi Nyankopɔn ahii
ka ne komam sɛ: Worentwe n’aso.
14 Nnw 68.5; Eks 22.22 Woahu, efisɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhow,
sɛ wode besie wo nsam.
Wo nsa na ɔbrɛfo de ne ho hyɛ,
ayisaa boafo ne wo ara.
15 Nnw 37.10, 36 Bubu abɔnefo basa,
na di obusuyɛfo bɔne akyi kosi sɛ worenhu bio.
16 Nnw 99.1 AWURADE ne hene daa daa,
amanaman bɛyera afi n’asase so.
17AWURADE, wobetie nea ahobrɛasefo pɛ,
wohyɛ wɔn koma den, na woama w'aso aba so
18sɛ wubedi ayisaa ne nea wɔhyɛ no so no asɛm,
na ɔdesani a ofi asase mu no ho anyɛ hu bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
