1 Eks 5.1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn, se ni: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.
2Na sɛ woampene amma wɔankɔ na wokɔ so tintim wɔn so a,
3Eks 3.20 hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wuram so, na ɔde owu a ano yɛ den kɛse bɛba apɔnkɔ, mfurum, yoma, anantwi ne nguan so.
4Na AWURADE de nsonoe bɛto Israel mmoa ne Misraim mmoa ntam, na nea ɛyɛ Israelfo dea no mu biara renwu.
5Na AWURADE hyɛɛ da sɛ: Ɔkyena na AWURADE bɛyɛ eyi wɔ asase so.
6Na ade kyee no, AWURADE yɛɛ saa ade no, na Misraim mmoa nyinaa wuwui, na Israelfo mmoa no mu biako po anwu.
7Eks 4.21 Na Farao soma kɔhwɛe, na hwɛ, Israel mmoa mu biako po nwui ɛ. Nanso Farao koma yɛɛ den ara, na wamma ɔman no ankɔ.
Mpɔmpɔ yaredɔm8Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Momfa fononoo mu nso nsa ma, na Mose ntow mpete ahunum wɔ Farao anim,
9Deut 28.27 na ɛnnan Misraim asase nyinaa so tutuw, na ɛnyɛ nnipa ne mmoa ho mpobia a ɛpaepae tutu akuru Misraim asase nyinaa so.
10Adi 16.2 Na wɔsesaw fononoo mu nso, na wokogyinaa Farao anim, na Mose de petee ahunum, na ɛdan nnipa ne mmoa ho mpobia a ɛpaepae tutu akuru.
11Na mpobia no nti akɔmfo no antumi annyina Mose anim, efisɛ mpobia no asisi akɔmfo no ne Misraimfo nyinaa.
12Eks 4.21 Na AWURADE pirim Farao koma, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Mose no.
Ɔsoro abo13 Eks 5.1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua ahema kogyina Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn no, se ni: Ma me man nkɔ nkɔsom me.
14Eks 8.10 Na afei de, merema me haw nyinaa aba wo koma so ne wo nkoa ne wo man mu, na woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asase nyinaa so.
15Na afei sɛ mateɛ me nsa na mede owuyare mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afi asase so.
16Eks 7.3; 14.4; Rom 9.17 Nanso eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.
17Woda so ma wo ho so na wusiw me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ,
18Hiob 38.22 hwɛ, ɔkyena sesɛɛ mɛma ɔsoro abo a emu yɛ duru pa a ɛso bi mmaa Misraim da fi da a wɔhyɛɛ ase de abedu nnɛ yi atɔ.
19Na afei soma ma wɔnkɔfa wo mmoa ne wo biribiara a ɛwɔ wuram mmra ntɛm; onipa biara ne afieboa biara a wobehu no wuram na wɔamfa no amma ofie no, ɔsoro abo no gu wɔn so a, wobewuwu.
20Farao nkoa mu nea osuro AWURADE asɛm no de ne nkoa ne ne mmoa guan baa ofie;
21na nea wammu AWURADE asɛm no gyaw ne nkoa ne ne mmoa wɔ wuram.
22Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Teɛ wo nsa kɔ ahunmu, na ɔsoro abo ntɔ Misraim asase nyinaa so, nnipa ne mmoa ne wuram nhaban nyinaa so wɔ Misraim asase so.
23Adi 16.21 Na Mose teɛɛ ne poma kɔɔ ahunmu, na AWURADE maa aprannaa ne ɔsoro abo bae, na ogya porow guu asase so, na AWURADE maa ɔsoro abo tɔɔ Misraim asase so.
24Na ɔsoro abo ne ogya a ɛdɛw framfram toatoam a ano yɛ den pii pa a ɛso bi mmaa Misraim asase nyinaa so da fi da a ɛyɛɛ ɔman no bae.
25Na ɔsoro abo no guu Misraim asase nyinaa so, nea ɛwɔ wuram nyinaa, efi nnipa so kosi mmoa so, na ɔsoro abo no guu wuram nhaban nyinaa so, na ebubuu wuram nnua nyinaa.
26Gye Gosen asase a Israelfo wɔ hɔ no so nko na ɔsoro abo no bi antɔ.
27 Eks 10.16 Ɛnna Farao soma bɛfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi de, mayɛ bɔne, AWURADE ne ɔtreneeni, na me ne me man ne abɔnefo.
28Eks 8.8 Mompa AWURADE kyɛw, na Onyankopɔn aprannaa ne ɔsoro abo no nnyae, na adɔɔso, na mɛma moakɔ na morentena ha bio.
29Ɛnna Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Mifi adi mifi kurow no mu ara pɛ a, mɛtrɛw me nsam makyerɛ AWURADE, na aprannaa no to betwa, na ɔsoro abo no antɔ bio, na woahu sɛ AWURADE na asase wɔ no.
30Na wo ne wo nkoa de, minim sɛ munnya nsuroo AWURADE Nyankopɔn ɛ.
31Na eguu asaawa ne atoko so, nso na atoko no ayɛ mmɛtem, na asaawa nso reyɛ agu nhwiren.
32Na awi ne kɔkɔte de, angu so bi, efisɛ ɛno ka akyiri.
33Na Mose fii Farao nkyɛn, na ofii kurow no mu kɔtrɛw ne nsam kyerɛɛ AWURADE, na aprannaa ne abo no to twae, na osu gyaee asase no so gu.
34Na Farao hui sɛ osutɔ ne amparuwbo ne aprannaa no to atwa no, ɔsan yɛɛ bɔne bio, na ɔhyɛɛ ne koma den, ɔno ne ne nkoa.
35 Eks 4.21 Na Farao koma pirimii ara, na wamma Israelfo no ankɔ, sɛnea AWURADE nam Mose so kae no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.