1 Deut 28 Monnyɛ abosonhuhuw mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔbo a wɔadi ho adwinni nnsi mo asase so nnkotow nnsɔre wɔ ho, na mene AWURADE mo Nyankopɔn.
2Eks 20.4-5 Munni me home nna, na munsuro me kronkronbea: Mene AWURADE.
3Sɛ mofa m'ahyɛde so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a,
4Deut 11.14 ɛnne mɛma osu atotɔ ama mo ne bere mu, na asase no ama ne nnɔbae, na mfuw mu nnua asow aba;
5Amos 9.13 na aduan porow bɛkɔ so akodu bobe aba tetew mu, na bobe aba tetew no akɔ so akodu odua bere, na mubedi mo aduan amee, na moatena mo asase so dwoodwoo.
6Hiob 11.19 Na mɛma ɔmannwoe aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afi asase no so, na nkrante remfa mo asase so.
7Na mobɛka mo atamfo agu, na wɔatotɔ mo anim wɔ nkrante ano;
8Deut 32.30 na mo mu baanum bɛka nnipa ɔha agu, na mo mu ha bɛka ɔpedu agu, na mo atamfo atotɔ mo anim wɔ nkrante ano.
9Na mɛdan m'anim mama mo, na mɛma moawo na moadɔ, na mɛma me ne mo apam no agyina.
10Na mubedi aburow ne awi a akyɛ no, na foforo no nti moayi dedaw no agu.
11Na mede me tenabea mesi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwini.
122 Ko 6.16 Na mɛnantew mo mu, na mayɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman.
13Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so sɛ monnyɛ nkoa bio, na mibubuu mo kɔndua na mema monantewee tee no.
Asoɔden so akatua14Na sɛ moantie me na moanni me mmara nsɛm yi nyinaa so,
15na sɛ mopa m'ahyɛde, na m'atemmude yɛ mo kra nwini, na moanni me mmara nsɛm nyinaa so na mubu m'apam no so a,
16me nso nea mɛyɛ mo ni: Mɛma akomatude abɛto mo, samanwaw ne atiridii a ɛbɛma mo aniwa ayɛ siamoo na mo kra atotɔ piti, na mubedua mo adua kwa, na mo atamfo abedi.
17Na mɛma m'ani asa mo, na moadi mo atamfo anim nkogu na wɔn a wokyi mo ahyɛ mo so, na obi ntaa mo po a, mobeguan.
18Na sɛ eyinom mu moantie me ara a, ɛnne mo bɔne nti mɛtwe mo aso mpɛn ason maka ho,
19Deut 11.17; 1 Ah 17.1 na mabubu mo ahoɔden ahokyerɛ no. Na mɛyɛ mo soro sɛ dade, na mo asase ayɛ sɛ kɔbere,
20na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbae, na asase no so nnua rensow aba.
21Na sɛ mo ne me di asi ara na mompɛ sɛ mutie me a, mɛkɔ so mabɔ mo mpɛn ason sɛ mo bɔne te no.
222 Ah 2.24 Na mɛsoma wuram mmoa aba mo mu, na wɔagye mo nsam mma, na wɔasɛe mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo.
23Na sɛ moamma mamfa eyinom ammɔ mo kɔkɔ, na mo ne me di asi ara a,
242 Sa 22.27 ɛnne me nso me ne mo bedi asi, na me nso mo bɔne nti mabɔ mo mpɛn asɔn.
25Yes 1.20 Na mede aweredi nkrante a ebedi m'apam no so were mɛba mo so, na moaboaboa mo ho ano akɔ mo nkurow mu, na mɛma ɔyaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfo nsa.
26Na mebubu mo aduan dua, na mmea du ato mo abodoo fononoo biako mu, na wɔakari mo abodoo ama mo, na mubedi na moremmee.
27Na sɛ eyi mu nso moantie me na mo ne me di asi ara a,
28ɛnne mede abufuhyew ne mo bedi asi, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mpɛn asɔn.
292 Ah 6.28 Na mubedi mo mmammarima nam, na mo mmabea nam nso moadi.
30Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo wia adum no agu, na matotow mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwini.
31Na megu mo nkurow mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhuam no hua.
32Na me ara mɛsɛe asase no ma mo atamfo a wɔbɛtena so no ani so ayɛ wɔn yaa;
33na mo de, mɛbɔ mo apete wiase amanaman mu, na matwe nkrante madi mo akyi, na mo asase bɛda ntuw, na mo nkurow ayɛ fo.
34 Lew 25.2; 2 Be 36.21 Ɛno na asase no benya ne home bere mu ahotɔ, nna dodow a ɛso bɛda ntuw a mo de, mowɔ mo atamfo asase so no; ɛno na asase no bɛhome na anya ne home nna no mu ahotɔ.
35Nna a ɛso bɛda ntuw nyinaa na ɛbɛhome, sɛ nna dodow a anhome, mo home mmere mu, bere a mote so no.
36Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn komam wɔ wɔn atamfo nsaase no so, na ahaban a ɛtew huu nne aka wɔn agu na wɔaguan sɛ obi guan fi nkrante ano, na wɔatotɔ, bere a obi ntaa wɔn;
37na wɔakyere tɔw ahwe ase sɛnea wɔreguan nkrante anim, bere a obi ntaa wɔn; na morennya mo atamfo anim agyinaye.
38Na mubewuwu wɔ wiase amanaman mu, na mo atamfo asase amene mo.
39Na mo mu wɔn a wɔbɛka no ho behia wɔn wɔn amumɔyɛmu, mo atamfo asase so, na wɔn agyanom amumɔyɛ nso nti wɔn ho behia wɔn sɛ wɔn ara.
40 Deut 4.30; 30.2 Ɛno na wɔbɛka wɔn amumɔyɛ ne wɔn agyanom amumɔyɛ no; sɛ nkontompo a wotwaa me ne asi a wɔne me dii nti,
41Yer 9.25; Luka 23.41 me nso me ne wɔn dii asi, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfo asase so; na sɛ afei wɔn koma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumɔyɛ so asotwe no so a,
42Eks 2.24; 2 Ah 13.23 ɛnne mɛkae me ne Yakob apam no, ne me ne Isak apam no nso; na ɛne Abraham apam no nso mɛkae, na mɛkae asase no.
43Lew 26.41 Na asase no de, wobegyaw na anya ne home bere mu ahotɔ, sɛ wonni so nti ada ntuw; na wɔn de, esiane sɛ wɔpaa m'atemmude na m'ahyɛde yɛɛ wɔn kra nwini nti, wobenya wɔn amumɔyɛ so asotwe.
44Nanso eyinom nyinaa akyi no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfo asase so mpo a, merempa wɔn, na wɔn ho renyɛ me nwini na masɛe wɔn korakora, na mabu me ne wɔn ntam apam no so; na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn.
45Gye 15.18; Eks 12.33, 51 Na wɔn nti mɛkae apam a me ne wɔn agyanom a miyii wɔn fii Misraim asase so, wiase amanaman nyinaa anim, pamee sɛ mɛyɛ wɔn Onyankopɔn no: Mene AWURADE.
46Eyinom ne ahyɛde ne atemmude ne mmara a AWURADE nam Mose so de too ɔno ne Israelfo ntam, Sinai bepɔw so no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.