Yakobo NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUNhoma a efi Yakobo hɔ no yɛ nhyehyɛe a wɔde yɛ adwuma a wɔaboaboa ano. Ɔkyerɛw de ma “Onyankopɔn nkurɔfo a wɔabɔ ahwete wɔ asase so nyinaa”. Ɔkyerɛwfo no nam kasakoa a emu da hɔ so kyerɛ nyansa akwankyerɛ a ɛfa Kristosom su ne nneyɛe ho. Ɔhwɛ nneɛma bi fi sɛnea Kristosom adwene yɛ wɔn wɔ ahonya ne ohia, sɔhwɛ, suban pa, adwenehunu a wɔnya tia afoforo, gyidi ne nnwuma, sɛnea wɔde tɛkrɛma yɛ adwuma, nyansa, ntɔkwapɛ, ahantan ne ahobrɛase, atemmu a wɔde bu afoforo, ahohoahoa, ntɔboase ne mpaebɔ ho.Nhoma no si hia a ehia sɛ wɔde nnwuma bata gyidi ho, ne nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ adwuma wɔ Kristosom mu so dua.EMU NSƐMMfitiase no nkyerɛkyerɛmu 1.1Gyidi ne nyansa 1.2-8Ohia ne ahonya 1.9-11Nsɔhwɛ ne sɔhwɛ 1.12-18Osetie ne ɔyɛ 1.19-27Nyiyimu ho kɔkɔbɔ 2.1-13Gyidi ne nnwuma 2.14-26Kristoni ne ne tɛkrɛma 3.1-18Kristoni ne wiase 4.1—5.6Nhyehyɛe ahorow 5.7-20