Nehemia 13 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nehemia sesɛw adwuma

1 Deut 23.3-5 Ɛbere no ara mu na wɔkenkan Mose nhoma no, ɔman no asom, na wohui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ, Amonni ne Moabni mmma Onyankopɔn bagua mu da biara da,

2Num 22.5-6 efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia Israelfo, na mmom wɔkɔbɔɔ Bileam paa tiaa wɔn sɛ ɔmmɛdome wɔn; nanso yɛn Nyankopɔn dan nnome no nhyira.

3Na wɔtee mmara no no, woyiyii amamfrafo nyinaa fii Israel.

Nehemia ntotow adwuma

4Na eyi nnya mmae no, na ɔsɔfo Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fi mpia so a ɔyɛ Tobia busuani no,

5asiesie pia kɛse bi ama Tobia, nea kan no wɔde aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu ne nnwinne ne awi ntotoso du du ne nsa ne ngo a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma Lewifo ne nnwontofo ne apon ano hwɛfo no, ɛne asɔfo no soma afɔrebɔde sie no.

6Na eyi nyinaa mu no na minni Yerusalem, na Babelhene Artasasta afe a ɛto so aduasa abien so no, mekɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na nna bi akyi no, mibisaa ɔhene hɔ kwan,

7na mebaa Yerusalem; na mibehuu bɔne a Eliasib yɛe wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Onyankopɔn fi abangua so no.

8Na me bo fuwii kɛse, na miyiyii Tobia fi nneɛma no nyinaa fii pia no mu gui,

9na mekae sɛ wonnwira mpia no mu, na mede Onyankopɔn fi nneɛma no mesan mebaa hɔ bio, aduan ayɛyɛde ne ohuamfufu no.

10Na mihui sɛ Lewifo kyɛfa no, wɔamfa amma wɔn, na wɔaguanguan akokɔ wɔn mfuw mu, Lewifo ne nnwontofo a wɔyɛ adwuma no.

11Neh 10.39 Na me ne mmapɔmma no hamee, na mise: Ɛdɛn nti na wɔagyaw Onyankopɔn fi yi? Na meboaboaa wɔn ano mede wɔn misisii wɔn dibea.

12Num 18.21 Na Yuda nyinaa de awi ne nsa ne ngo ntotoso du du bae beguu akorade no mu.

13Na misisii akorade no so ahwɛfo: Ɔsɔfo Selemia ne Ɔkyerɛwfo Sadok ne Pedaia a ofi Lewifo mu no; na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, efisɛ wobu wɔn nokwafo, na wɔn na wɔkyekyɛ nneɛma no ma wɔn nuanom no.

14Neh 13.31; 5.19 Me Nyankopɔn, kae me, eyi ho, na mpopa m’adɔe a mayɛ mama me Nyankopɔn fi ne ne som adwuma no.

Wɔfii homeda ntotoe ase

15 Neh 10.31; Yer 17.21-27 Nna no mu na mihuu Yudafo bi a wotiatia nsa-kyi-amoa so homeda, na wɔde awi afiafi nso ba, na wɔde soasoa mfurum; wɔde nsa nso ne bobe aba ne borɔdɔma ne nnosoa horow nyinaa ba Yerusalem homeda, na mebɔɔ wɔn kɔkɔ da a wɔretɔn nnuan no.

16Na Tirofo bi a ɛte hɔ nso de mpataa ne adetɔnne horow nyinaa ba, na wɔbɛtɔn homeda ma Yudafo ne Yerusalemfo.

17Ɛnna me ne Yuda mmapɔmma no hamee, na misee wɔn sɛ: Asɛmmɔne bɛn na moredi de kum homeda ho yi?

18So, ɛnyɛ sɛɛ na mo agyanom yɛe, na yɛn Nyankopɔn de bɔne yi nyinaa baa yɛn ne kurow yi so no? Na mo nso mode bi reka Israel so abufuw no ho, sɛ morekum homeda ho yi.

19Na ansa na homeda redu no, esum refi ase aduru Yerusalem apon mu no, mehyɛe sɛ wɔntoto apon no mu, na mekae sɛ wonnhiɛ gye sɛ homeda no atwam ansa; na miyiyii m’asomfo no mu binom gyinagyinaa apon no ano, na adesoa bi amma mu homeda.

20Na aguadifo ne adetɔnne horow no tɔnfo no soɛsoɛɛ Yerusalem apon no akyi pɛnkoro ne mprenu.

21Ɛnna mebɔɔ wɔn kɔkɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na moasoɛsoɛ deda ɔfasu no akyi? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo. Efi bere no wɔamma homeda bio.

22Neh 13.14 Na misee Lewifo no sɛ wonnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apon no ano, na wɔnyɛ homeda no kronkron. Eyi ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me so sɛ w’adɔe bebree no te.

23Nna no mu nso, mihuu Yudafo a wɔawareware Asdod mmea ne Amon mmea ne Moab mmea.

24Na wɔn mma ka Asdod kasa fa-ne-fa na Yuda kasa de, na wontumi nka, na aman no mu biara de na wɔka.

25Deut 7.3 Na me ne wɔn hamee, na medomee wɔn, na mebobɔɔ mmarima no mu binom, na metutuu wɔn nwi, na mede Onyankopɔn ntam gyee wɔn sɛ: Sɛ mode mo mmammea moma wɔn mmammarima, na mugye wɔn mmammea moma mo mma aware anaasɛ mo ankasa moware wɔn a.

261 Ah 11.3-8 So ɛnyɛ eyinom ho na Israel hene Solomon yɛɛ bɔne? Nanso amanaman bebree mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene: ɔno mpo, mmea ananafo na wɔma ɔyɛɛ bɔne.

27Na mo de, so yentie mo sɛ yɛbɛyɛ bɔne kɛse yi nyinaa na yɛafom yɛn Nyankopɔn na yɛaware mmea ananafo?

28 Neh 11.10; 2.19 Na ɔsɔfopanyin Eliasib ba Yoiada mma mu biako ayɛ Horonni Sanbalat sew. Na mepam no fii me so.

29Kae wɔn, me Nyankopɔn, sɛ wɔahura asɔfodi ho ne asɔfodi ne Lewifo apam no ho.

30Na midwiraa wɔn ho fii amanaman nneɛma nyinaa ho, na mehyehyɛɛ asɔfo ne Lewifo no asɛde, sɛnea obiara adwuma te,

31Neh 13.14, 22; 5.19 Mehyehyɛɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne bere a wɔde aduankan de ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ensi me yiye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help