Deuteronomium 23 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nea ɔmfata sɛ ɔba AWURADE bagua mu

1Nea wɔapɛtɛw ne hwea ne nea ne barima atwa no mmma AWURADE bagua mu.

2Aguaman ba bi mmma AWURADE bagua mu; n’awo ntoatoaso a ɛto so du po mmma AWURADE bagua mu.

3Amonni anaa Moabni mmma AWURADE bagua mu; wɔn awo ntoatoaso a ɛto so du po mmma AWURADE bagua mu da,

4Deut 22.5-6 efisɛ wɔamfa aduan ne nsu ammehyia mo ɔkwan mu, bere a mufi Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ofi Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome wo nti.

5Na AWURADE wo Nyankopɔn ampɛ sɛ otie Bileam, na AWURADE wo Nyankopɔn dan nnome no nhyira maa wo, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn dɔ wo.

6Nhwehwɛ wɔn asomdwoe ne wɔn papa da, wo nna nyinaa.

7 Gye 25.25-26 Nkyi Edomni, efisɛ ɔyɛ wo nua. Nkyi Misraimni, efisɛ woakɔyɛ n’asase so hɔho.

8Mma a wɔbɛwo ama wɔn no awo ntoatoaso a ɛto so abiɛsa mmra AWURADE bagua mu.

Ɛdɔm ahotew

9Sɛ wufi kɔbɔ w’atamfo so nsra a, hwɛ wo ho yiye adebɔne nyinaa ho.

10 Lew 15.16, 18 Sɛ ɔbarima bi wɔ wo mu a ne ho ntew, nea ɛyɛɛ no anadwo ho a, ɛnne omfi nkɔ nsra no akyi, ɔmmma nsra no mu.

11Na ɛrekɔ anwummere no, ɔmfa nsu nguare, na sɛ owia kɔtɔ a, ɔmmra nsra no mu.

12Na yɛ baabi, nsra no akyi fa, na woafi adi akɔ hɔ;

13na nya ɔsosɔw wɔ w’ade mu, na sɛ wokɔkotow nsra no akyi hɔ a, wode afunu akotow so, na woakata nea afi wo mu no so.

14Lew 26.12 Efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsra mu sɛ ɔregye wo, na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa; enti ma wo nsra mu nyɛ kronkron, na wanhu wo mu aniwude bi, na wannan amfi w’akyi.

15Mfa akoa a wafi ne wura nkyɛn abɛdɔm wo nhyɛ ne wura nsa;

16Eks 22.21 ɔntena wo nkyɛn wɔ mo mu, wo nkurow mu biako a ɔbɛfa a eye ma no mu; nhyɛ no so.

17 Lew 19.29; 1 Ah 14.24 Israel mmabea mu biara nnnan aguaman, na Israel babarima biara nnnan aguaman.

18Lew 18.22; Adi 22.15 Mfa ɔbea guamanfo apɛde anaa ɔkraman (ɔbarima oguamanfo) apaade mma AWURADE wo Nyankopɔn fi wo bɔhyɛ biara mu, na n’abien no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide.

Mfɛntom, bɔhyɛ ne tɔsofa ho mmara

19 Eks 22.25; Lew 25.36 Nnye wo nua sika ho mfɛntom, anaa aduan ho mfɛntom, anaa biribiara a wogye ɛho mfɛntom ho mfɛntom.

20Ɔnanani nkyɛn na gye mfɛntom, na wo nua de, nnye no hɔ bi, na AWURADE wo Nyankopɔn nhyira wo nea wode wo nsa bɛka nyinaa mu, asase a worekɔ akɔfa no so.

21 Deut 30.2 Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nnodow ne tua ho, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛhwehwɛ wɔ wo hɔ, na adan wo bɔne.

22Nanso woanhyɛ bɔ no koraa de a, ɛnyɛ bɔne mma wo.

23Nea afi w’ano no, di so na yɛ, sɛnea wufi wo pɛ mu de w’ano ahyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ no.

24Sɛ wudu wo yɔnko bobeturo mu a, di aba no bi sɛnea wopɛ mee, na mfa bi ngu w’ade mu.

25Mat 12.1 Sɛ wudu wo yɔnko awi a egyina hɔ mu a, fa wo nsa pompan mmɛtem no bi, na mma kantankrankyi so wɔ wo yɔnko awi so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help