1Na Abimelek akyi no, nea ɔsɔre begyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔw so.
2Na odii Israel anim mfe aduonu abiɛsa. Na owui, na wosiee no Samir.
3 Num 32.41 Na n’akyi no, Gileadni Yair sɔree, na obuu Israel atɛn mfe aduonu abien.
4Ate 12.14 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a wɔtenatenaa mfurum mma aduasa so na wɔwɔ nkurow aduasa a wɔfrɛ no Yair nkurow de besi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.
5Na Yair wui, na wosiee no Kamon.
Israelfo hyɛ wɔn atamfo ase bio6Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfo anyame ne Filistifo anyame, na wogyaw AWURADE hɔ na wɔansom no.
7Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amonfo nsa.
8Na wɔhom Israelfo so haw wɔn afe no ara mu. Mfe dunwɔtwe na wodii Israelfo a wɔwɔ Yordan agya, Amorifo asase so wɔ Gilead no nyinaa so.
9Na Amonfo no betwaa Yordan, ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fi nso bɛkoe; na Israel ho hiaa wɔn sɛ.
10Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagyaw yɛn Nyankopɔn na yɛakɔsom Baalim.
11Na AWURADE ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: Misraim ne Amorifo ne Amonfo ne Filistifo,
12ne Sidonfo ne Amalek ne Maon hyɛɛ mo so na musu frɛɛ me no, migyee mo fii wɔn nsam.
13Na mo de, moagyaw me akɔsom anyame foforo. Enti merenkɔ so minnye mo bio.
14Deut 32.37-38; Yer 2.28 Monkɔ nkosu mfrɛ anyame a moapaw wɔn no, na wonnye mo mo ahohia bere mu.
15Na Israelfo no ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne! Wo de, yɛ yɛn sɛ eye w’ani so nyinaa, ogye nko na gye yɛn nnɛ da yi.
16Gye 35.2-4; Ate 2.18 Na woyiyii anyame ananafo no fii wɔn mu, na wɔsom AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahometew.
17Na Amonfo no hyia bae bɛbɔɔ nsra Gilead. Na Israelfo nso boaboaa wɔn ho ano kɔbɔɔ nsra Mispa.
18Na Gilead man, wɔn mu atitiriw sisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hena ne ɔbarima a ɔne Amonfo no befi ase ako? Ɔno na onkodi Gileadfo nyinaa ti.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
