1 Yes 4.2; 53.2 Na duforo bi befifi afi Yese dunsin no mu,
na dubaa afi ne ntini mu asow aba.
2 Yes 42.1; Mat 12.18 Na AWURADE honhom besi no so,
nyansa ne nhumu honhom,
afotu ne mmaninyɛ honhom,
nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.
3Na AWURADE suro bɛyɛ no huam.
Na ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn,
na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm,
4 Nnw 72.4, 12-14; 2 Te 2.8 na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni,
na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo;
na ɔde n’anom abaa bɛbɔ asase,
na ɔde n’anom honhom akum ɔbɔnefo;
5na trenee bɛyɛ n’asen so abɔso,
na gyidi ayɛ n’akwaa mu abɔmu.
6 Yes 65.25 Ɛnna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtena,
na ɔsebɔ ne apapowa ada,
na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtena faako,
na abofra ketewa aka wɔn.
7Nantwibere ne osisi bɛbom adidi
na wɔn mma ada faako,
na gyata awe wura sɛ nantwi.
8Akokoaa begoru ahurutoa amoa ano,
na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bon.
9 Hab 2.14 Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio,
me bepɔw kronkron no nyinaa so,
na AWURADE hu bɛyɛ asase ma,
sɛ nsu kata po so no.
Ɔman no mu wɔn a wɔapete no bɛsan aba10 Rom 15.12 Na da no, Yese ntini mu duforo a esi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyi kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne tenabea bɛyɛ anuonyam tenabea.
11Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu.
12Na wama amanaman no nsɛnkyerɛnne,
na wapɔn Israel asesafo aboa ano,
na wama Yuda nnipa a wɔapete no afi
wiase afanan so abehyia.
13 Hes 37.22 Na Efraim anibere befi akɔ,
na Yuda ahohiafo ase agu;
Efraim ani remmere Yuda bio,
na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio.
14Na wobetu akosi Filistifo mmati so atɔe fam,
wɔbɛbom afow apueifo;
Edom ne Moab bɛka wɔn nsa,
na Amon mma atie wɔn.
15Na AWURADE bɛyow
Misraim po mu nsu korakora,
na ɔde ne mframa a ɛhyehye
bɛwosow ne nsa akyerɛ asu Eufrate so,
na wabɔ no ma adan nsuwansuwa ason
na wɔde mpaboa mpo bɛfa mu.
16 Eks 14.29 Na ɔtempɔn bɛda hɔ afi Asaria
ama ne man nkae a wɔaka no,
sɛnea ɛdaa hɔ maa Israel,
ɛda a wofi Misraim asase so bae no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.