Atemmufo NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)

NHYƐNMUAtemmufo nhoma no ka Israelfo abakɔsɛm fi bere a Israelfo no tew Onyankopɔn anim atua, de kosi bere a, wɔkɔko faa Kanaan asase no dii so na wofii ase dii so ahensɛm no. Abakɔsɛm no fa Israel akatakyi bi ne wɔn mmaninsɛm a wodii ho asɛm titiriw. Din a wɔde too saa akatakyi yi ne: Atemmufo nanso nokware mu no wɔn mu fa kɛse no ara yɛ asahene sen sɛ wobuu atɛn sɛ atemmufo.Wɔn mu nea ogyee din kɛse pa ara ne: Samson a wɔka ne mmaninsɛm a odii ho asɛm fi; Ti. 13 de kosi Ti. 16 mu. Ade titiriw a yesua fi nhoma no mu ne sɛ: Sɛ Israelfo bedi yiye a, na egyina nokware a wodi Nyankopɔn so, nanso sɛ wɔfom na wɔanni Onyankopɔn nokware a, ɛde ɔhaw pii na ɛberɛ wɔn. Mpo sɛ ɔhaw no ba a Onyankopɔn ntow wɔn nkyene na mmom bere biara a wɔtwe wɔn ho fi wɔn bɔne ho na wɔsan ba Onyankopɔn nkyɛn no ogye wɔn.EMU NSƐMNsɛm a esisii de kosi sɛ Yosua wui 1.1—2.10

Israelfo Akatakyi no ho nsɛm 2.11—16.31

Nsɛm ahorow bi a esisii 17.1—21.25

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help