1AWURADE asɛm a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn, amanaman ho ni:
2Yes 19; Hes 29; 30; 2 Be 35.20 Ɛfa Misraim ho, Misraim hene Farao Neko dɔm, a ɛwɔ asubɔnten Eufrate ano wɔ Karkemis a Babel hene Nebukadnesar kum wɔn, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan mu no ho:
3Munsiesie akyɛmwa ne ɔkyɛm,
na muntu sa.
4Munsiesie apɔnkɔ
nsesa nteaseɛnam ho, montenatena so,
apɔnkɔsotefo, monhyɛ dade kyɛw nnyinagyina hɔ,
mompɔw mpeaw ho,
monhyehyɛ dade nkatabo.
5Efi dɛn so na mihu wɔn sɛ wɔn bo atu yi?
Na wɔadan wɔn akyi,
na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn agu,
na aguan ara na wɔreguan
na wɔnhwɛ wɔn akyi yi?
Ehu wɔ afa nyinaa,
AWURADE asɛm ni,
6Ɔhoɔharefo nnya aguanye,
na dɔmmarima mfi mu mfi;
atifi fam, asu Eufrate no ho
na wɔahintihintiw na wɔahwehwe ase.
7Hena na ɔreba sɛ Nil,
na n’asorɔkye rebɔ sɛ asukɛse de yi?
8Misraim atu reba sɛ Nil,
n’asorɔkye rebɔ sɛ asu akɛse de,
na ese: Meyiri makata asase so
masɛe nkurow ne emufo no.
9Montenatena apɔnkɔ so,
nteaseɛnam ntu yirididi
na nnɔmmarima no mfi adi,
Etiopia ne Put, akyɛmkurafo no
ne Ludifo a wokura ta pono mu no.
10 Deut 32.42; Yes 34.5 Saa da no yɛ AWURADE, asafo AWURADE de,
aweretɔ da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were.
Na afoa bedidi amee,
na wɔn mogya ama abow,
na AWURADE, asafo AWURADE, wɔ okum afɔre,
benkum fam asase so,
wɔ asu Eufrate ho.
11 Yer 8.22 Oo ababaa, Misraim babea,
foro kɔ Gilead kogye aduru;
ɔkwa ara kwa na woma nnuru dɔɔso,
ayaresa bi nni hɔ mma wo.
12Amanaman ate w’ahohora,
na wo nteɛm ayɛ asase ma tɔ,
na dɔmmarima abɔ dɔmmarima so
ma wɔn baanu abom ahwehwe ase.
Misraim amane13Asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia, sɛ Babel hene Nebukadnesar bɛba abɛsɛe Misraim asase no:
14Monka Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol,
na mompae mu nka Memfis ne Tahpanhes hɔ.
Monka sɛ: Gyina hɔ, na tim hɔ pintinn,
efisɛ afoa redidi atwa wo ho ahyia.
15Efi dɛn so na wɔapra w’akunini kɔ yi?
Obi annyina,
na AWURADE apam wɔn.
16Wama pii ahwehwe ase,
obiako atɔ da ne yɔnko so po; ɛnna wose:
Sɔre ma yɛnsan nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn
ne yɛn awo asase so
mfi afoa a ɛyɛ hu no anim.
17Wɔteɛm hɔ sɛ: Misraim hene Farao asɛe;
wama bere a ɛsɛ no atwam.
18Sɛ mete ase yi, ɔhene
a asafo AWURADE ne ne din no asɛm ni,
sɛ Tabor si mmepɔw no ntam
na Karmel si ɛpo mu no, saa na ɔbɛba.
19Yɛ atukɔ ho ade fa,
Misraim babea a wote hɔ no,
na Memfis bɛdan amamfo,
na ahyew a obi rentena mu bio.
20Misraim yɛ nantwiba ɔbere a ne ho yɛ fɛ;
ɔsɛe fi atifi fam reba, ɛreba.
21N’apaafo a wɔwɔ mu no nso
te sɛ anantwi mma nyɛmmoa,
na wɔn nso wɔdan wɔn ho bom guanguan;
wonnyina,
efisɛ wɔn sɛe da adu,
wɔn asotwe bere aba wɔn so.
22Ne nne gyigye kɔ sɛ ɔwɔ de,
na wɔde dɔm nam so reba,
na wɔde mmonnua reba no so
sɛ nnuatowfo.
23Wobebu ne kwae,
AWURADE asɛm ni,
na wonnya mu ahwehwɛye,
na wɔdɔɔso sen mmoadabi,
na wɔn dodow nni ano.
24Wɔama Misraim babea ani awu,
wɔde no ahyɛ atifi fam man no nsa.
25 Yer 43.12 Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se: Hwɛ, mereba mabɛtwe Amon a ɔwɔ Tebes no aso, ne Farao ne Misraim ne ɛso anyame ne ɛso ahene ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to no so no,
26na mede wɔn mahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn kra no nsa, ne Babel hene Nebukadnesar ne ne nkoa nsa; na ɛno akyi na wɔbɛtena so sɛ tete nna no, AWURADE asɛm ni.
Wɔkyekye Israel werɛ27 Yer 30.10; Yes 44.2 Na wo, m’akoa Yakob de, nsuro,
na mma wo bo nntu, Israel.
Na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri,
ne w’asefo nso afi wɔn nnommumfa asase no so,
na Yakob asan aba abɛhome atena ase dwoodwoo,
na obiara nni hɔ a obeyi no hu.
28 Yer 30.11 Wo, m’akoa Yakob de, nsuro,
AWURADE asɛm ni,
na midi w’akyi,
na mɛma amanaman
a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie sa,
na wo de, merenwie wo sɛe;
na mɛteɛ wo so sɛ ɛfata, na bem de,
meremma wunni da.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.