1Babel nsubɔnten ho,
ɛhɔ na yɛtenae na yesuu
sɛ yɛkaee Sion.
2Ɛhɔ nsukɔn so nnua no so
na yɛde yɛn asanku sensɛnee.
3Na ɛhɔ na yɛn nnommumfafo bisaa yɛn nnwom bi,
na yɛn ahawfo pepɛɛ yɛn hɔ anigye sɛ:
Monto Sion dwom bi nkyerɛ yɛn.
4Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛto AWURADE dwom,
ananafo asase so?
5 Yer 51.50 O, Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo a,
ma me nifa werɛ mfi ne ho keka.
6Sɛ mankae wo a,
ma me tɛkrɛma mfam me dodom,
sɛ mammu Yerusalem
ankyɛn m’anigye nyinaa a…!
7 Nnw 79.12; Oba 10-15 O, AWURADE, kae Yerusalem da no ma Edom mma,
sɛ wosee sɛ: Munnwiriw,
munnwiriw nkosi ne nhyɛase so!
8O, Babel babea a wɔayɛ wo pasaa,
nhyira ne nea ɔhyɛ wo ananmu,
sɛnea wode yɛɛ yɛn no.
9 Yes 13.16 Nhyira ne nea oso wo nkokoaa mu
pempem ɔbotan.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
