Hosea 12 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yakob nhwɛso

1 Hos 7.11 Efraim hwew mframa, na odi apuei ahum akyi; daa nyinaa ɔma atoro ne ɔsɛe dɔɔso, na ɔne Aseria kɔ apam, na ɔsoa ngo kɔ Misraim.

2Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛ n’akwan te; sɛ ne nsɛnnii te no na obetua no ka.

3Gye 25.22, 26; 32.24-28 Ɔyafunum na osoo ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koe;

4Gye 35.15 ɔne ɔbɔfo no koe, na otumii; osui na ɔpaa no kyɛw; ohuu no Betel, na ɛhɔ na ɔne yɛn kasae.

5Nnw 83.18 Na AWURADE yɛ asafo Nyankopɔn, AWURADE ne ne din a wɔde kae no.

6Na wo nso, san kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; so adɔe ne atemmu mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa yi.

7Kanaan, nsisi nsenia wɔ ne nsam, ɔpɛ amimdi.

8Adi 3.17 Na Efraim se: Manya me ho ara, manya ade pii; me brɛ nyinaa mu annya amumɔyɛde a ɛyɛ bɔne amma me.

9Hos 13.4 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de fi Misraim asase so; mɛma woatena ntamadan mu bio sɛ afahyɛ nna no mu.

10Na makasa makyerɛ adiyifo no, na mama anisoadehu adɔɔso, na menam adiyifo ano so mabubu mmɛ.

11So Gilead yɛ abusude anaa? Wɔadan ahuhude ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwi bɔ afɔre, wɔn afɔremuka no nso te sɛ afuw mu akofi so abokuw.

12Gye 28.5; 29.20 Na Yakob guan kɔɔ Siria asase so, na Israel somee ɔyere ho, na ɔyere nti ɔhwɛɛ nguan.

13Eks 3.10 Na AWURADE nam odiyifo so yii Israel fii Misraim bae, na ɔnam odiyifo so hwɛɛ wɔn

14Efraim yi abufuw sɛ, enti ɔbɛma mogya a odi ho so no abua n’atifi, na n'ahohora nso, ne wura bɛdan agu no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help