Hosea 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ahemman abien no ateɛteɛ

1Muntie eyi, O, asɔfo,

na monwɛn aso, Israel fi,

na ɔhene fi nso, monyɛ aso;

na mo so na atemmu aba;

na moadan afiri Mispa,

ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so;

2na mansotwefo ama wɔn ahohwisɛnni mu adɔ;

nanso mɛtwe wɔn nyinaa aso.

3 Hos 1.2 Me de, minim Efraim,

na Israel nso nhintaw me;

na afei, Efraim, woabɔ aguaman,

na Israel ho agu fi.

4 Hos 4.12 Wɔn nsɛnnii mma wɔnsan mma

wɔn Nyankopɔn nkyɛn,

na aguamammɔ honhom wɔ wɔn mu,

na wonnim AWURADE.

5Na Israel ahantan bedi n’anim adanse,

na Israel ne Efraim behintiw wɔn amumɔyɛ mu;

Yuda nso ne wɔn ahintiw.

6 Yes 1.11-15 Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ

akɔhwehwɛ AWURADE,

na wɔrenhu no

efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.

7Wɔatwa AWURADE nkontompo,

na wɔawowo ananafo mma;

afei ɔsram foforo bɛmene wɔn ne wɔn nsase.

8 Hos 4.15 Monhyɛn abɛn Gibea,

monhyɛn torobɛnto Rama.

Mommɔ ose Bet-awen,

hwɛ w’akyi, Benyamin.

9Efraim bɛdan amamfo,

asotwe da no;

mama wɔahu Israel mmusuakuw

ho asɛm a ebetim no.

10Yuda mmapɔmma ayɛ sɛ

wɔn a wotwiw ɔhye kɔ akyiri,

wɔn so na mehwie

m’anibere magu sɛ nsu.

11 Yes 29.13 Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛtɛw no atemmu mu,

efisɛ waboapa adi ade hunu akyi.

12Na me de, mete sɛ nwewee mema Efraim,

ne nhunhunii mema Yuda fi.

13 Hos 7.11; 10.6 Bere a Efraim huu ne yare,

na Yuda huu ne kuru;

na Efraim siim kɔɔ Asiria,

na ɔsoma kɔɔ ɔhene Yareb nkyɛn;

na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yare,

na ɔrenkum mo ho kuru.

14 Hos 13.7; 6.1 Na me de, mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim,

ne gyataforo ama Yuda fi, m’ankasa na mɛtetew mu makɔ,

mɛfa makɔ a ogyefo bi nni hɔ.

Ahonu a enye

15 Yes 26.16 Mɛkɔ, mɛsan makɔ me baabi,

akosi sɛ ɛbɛka wɔn ani

na wɔabɛhwehwɛ m’anim;

wɔn ho hia wɔn a,

wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help