1 2 Be 24 Yehu afe a ɛto so ason so na Yoas bedii hene, na odii hene mfirihyia aduanan Yerusalem. Na ne na din de Sibia a ofi Beer-seba.
2Na Yoas yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so ne nna a ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛɛ no nyinaa.
32 Ah 14.4; 1 Ah 22.43 Nanso sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi; ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so.
4Na Yoas ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: Akronkronne sika a wɔde ba AWURADE fi nyinaa ne obiara kra ti sika sɛ wɔbɔ no bo no, ne sika biara nso a ɛba obi koma mu sɛ ɔde bɛba AWURADE fi no,
5asɔfo no nnyigye wɔ amannifo nkyɛn, na wɔmfa nsiesie ofi no faako a ayɛ gow no, baabiara a wobehu sɛ gow bi wɔ.
6Na ɔhene Yoas afe a ɛto so aduonu abiɛsa so no, na asɔfo no nnya nsiesie ofi no mu adangow no ɛ.
7Ɛnna ɔhene Yoas frɛɛ ɔsɔfo Yehoiada ne asɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na monnsiesie ofi no mu adangow no? Afei munnnyigye sika mo amannifo nkyɛn bio, na munyi mma na wɔmfa mpompam ofi no adangow no.
8Na asɔfo no penee sɛ wɔrennye ɔman no hɔ sika, na wɔrempompam ofi no mu adangow no bio.
9Ɛnna ɔsɔfo Yehoiada faa adaka bi, na otuu ne mmuaso mu tokuru, na ɔde sii afɔremuka no ho, nea wɔfa ba AWURADE fi no nifa; na asɔfo a wɔhwɛ ɔpon no ano no de sika a wɔde ba AWURADE fi no nyinaa guu mu.
10Na sɛ wohu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene kyerɛwfo ne ɔsɔfo panyin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wohu AWURADE fi no.
11Na wɔde sika a wɔakari no hyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ adwuma no a wɔde wɔn sisii AWURADE fi so ahwɛfo no nsa, na woyi maa nnua adwumfo ne adansifo a wɔyɛ AWURADE fi no,
12ne abantofo, ne abotwafo, ne nea wɔde bɛtɔ nnua ne abo a wɔatwa, nea wɔde bɛpompam AWURADE fi adangow no, ne nea wɔde betua ofi no adangow no pempam ho ade a wɔhwere nyinaa ka.
13Nanso wɔamfa sika a wɔde ba AWURADE fi no mu bi anyɛ AWURADE fi dwetɛ nsanka, adumgya, nkora, ntorobɛnto anaa sika ne dwetɛ ade biara.
14Na wɔde maa wɔn a wɔyɛ adwuma no, na wɔde pempam AWURADE fi no.
152 Ah 22.7 Nanso wɔne nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfo no ammu akontaa, efisɛ wɔyɛɛ no nokware mu.
16Asodi afɔre sika ne bɔne ho afɔre sika de, wɔamfa amma AWURADE fi; ɛyɛ asɔfo no dea.
Hasael tu Yerusalem so sa17 2 Ah 10.32 Ɛbere no mu na Siria hene Hasael foro bae ne Gat bɛkoe, na odii nkunim; na Hasael de n’ani kyerɛe sɛ ɔreforo aba Yerusalem.
181 Ah 15.18 Ɛnna Yuda hene Yoas faa akronkronne a n’agyanom Yuda ahene Yosafat ne Yoram ne Ahasia yɛɛ no kronkron no nyinaa, ne n’akronkronne, ne sika a wohuu AWURADE fi ne ahemfi akorade mu nyinaa, na ɔsoma ma wɔde kɔmaa Siria hene Hasael; ɛnna ofii Yerusalem hɔ kɔe.
19Na Yoas ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw no Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu.
202 Ah 14.5 Na ne nkoa sɔre pam ne tiri so, na wokum Yoas wɔ Milo dan a ɛde rekɔ Sila no mu.
212 Ah 14.1 Na ne nkoa Simeat ba Yosakar ne Somer ba Yosabad bɔɔ no na owui; na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Amasia bedii n’ade.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.