Esra 6 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wohu ɔhene Kores tumi nhoma no bio

1Ɛnna ɔhene Dario hyɛe sɛ wɔnkɔhwehwɛ nhoma no mfi, nea wɔde akorade sie wɔ Babel no.

2Na wokohuu nhoma mmobɔwee bi Ahmeta aban a ɛwɔ Media asase so no mu, na wɔakyerɛw asɛm bi wɔ mu sɛɛ se:

3Esra 1.1 Ɔhene afe a edi kan mu no ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ: Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no ho de, wonsi ofi no mma ɛnyɛ afɔrebɔbea, na ne korɔn nyɛ basafa aduasa, ne trɛw basafa aduasa nso,

4abo akɛse nkyerɛpɛn abiɛsa, ne nnua nso kyerɛpɛn biako; na ɛho ahwerede no, wɔmfa mfi ɔhene fi mma.

5Nso Onyankopɔn fi sika ne dwetɛ nnwinne a Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem asɔredan mu de baa Babel no, wɔnsan mfa mma, na ɛnkɔ Yerusalem asɔredan no mu ne sibea hɔ, na wonnyaw wɔ Onyankopɔn fi hɔ.

6Afei wo Tatenai, asuogya amrado, ne Setar-bosnai, ne mo agyinatufo a mowɔ asuogya no, mumfi hɔ nkɔ akyiri.

7Momma Onyankopɔn fi adwuma no ntena hɔ, na Yudafo amrado ne Yudafo mpanyimfo no nsi Onyankopɔn fi no ne sibea hɔ.

8Na me na merehyɛ makyerɛ nea monyɛ mma Yudafo mpanyimfo no na wonsi Onyankopɔn fi no, ɛne sɛ ɔhene nneɛma a ɛne asuogya tow no, wɔmfa mu bi ntua ahwerede no ka pɛpɛɛpɛ mma mmarima no, na annye wɔn asabawmu.

9Na ade a ehia wɔn no, anantwi mma ne adwennini ne nguan mma a wɔde bɛbɔ ɔsoro Nyankopɔn hyew afɔre, awi, nkyene, nsa ne ngo, sɛnea asɔfo a wɔwɔ Yerusalem no begye no, wɔmfa mma wɔn, da biara da, na wɔmmma ebi nnka,

10na wɔmmɔ afɔre huamhuam mma ɔsoro Nyankopɔn, na wonyi ɔhene ne ne mma nkwa ho mpae.

11Na me ara na mahyɛ sɛ obiara a ɔbɛdan asɛm yi ani no, eyi nti wonyi ne dan so mpuran, na wɔmmɔ no mfam ho, na ne fi nnan sumina.

12Na Onyankopɔn a ɔma ne din tena hɔ no bebutuw ɔhene ne ɔman biara a wɔteɛ wɔn nsa dan ani, sɛ wobebubu Onyankopɔn fi yi Yerusalem. Me Dario na mahyɛ mmara, ma wonni so pɛpɛɛpɛ.

13Ɛnna Tatenai, asuogya amrado no, ne Setar-bosnai ne wɔn mfɛfo no, nea ɔhene Dario ama wɔabɛka no nti, wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

14Na Yudafo mpanyimfo no sii, na ɛyɛɛ yiye, odiyifo Hagai ne Ido ba Sakaria nkɔmhyɛ so. Na wosii na wowiei, sɛ Israel Nyankopɔn ahyɛde ne Persia hene ne Kores, Dario ne Artasasta ahyɛde no te no.

15Esra 4.24 Na wowiee ofi no ɔsram Adar da a ɛto so abiɛsa so, ɔhene Dario ahenni afe a ɛto so asia mu.

16 Num 7.10; 1 Ah 8.62-66 Na Israelfo, asɔfo, Lewifo ne atukɔfo no nkae de ahosan dii Onyankopɔn fi anobue dapa no.

17Esra 8.35 Na wɔbobɔɔ Onyankopɔn fi anobue no ho afɔre: Anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nguammaa ahannan, ne mpapo a wɔde bɔɔ Israel nyinaa ti bɔne ho afɔre dumien, sɛ Israel mmusuakuw ano te no.

18Num 3.6; 8.24 Na wɔde asɔfo no sisii wɔn mpaepaemu so, ne Lewifo no, wɔn nkyekyem so, maa Onyankopɔn som Yerusalem, sɛnea wɔkyerɛwee Mose nhoma no mu no.

19 Eks 12.6 Na atukɔfo no dii Twam no, ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan so.

20Na asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho sɛ onipa biako, wɔn nyinaa ho fii, na wokunkum Twam no maa atukɔfo no nyinaa ne wɔn nuanom asɔfo no ne wɔn ankasa.

21Na Israelfo a wofi otukɔ mu bae no ne wɔn a wɔatew wɔn ho afi asase no so amanaman no afide ho aba wɔn nkyɛn abɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no dii Twam guan no,

22na wodii apiti dapɔnna nnansɔn, anigye mu, efisɛ AWURADE maa wɔn ani gyei, na ɔkom Asiria hene no koma baa wɔn ho ma ɔhyɛɛ wɔn abasam den, Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fi adwuma no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help