Hosea 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔsɛe Onyankopɔn apam

1 Hos 1.9; 1.6 Monka nkyerɛ mo nuammarimanom sɛ: Ami ase ne sɛ: Me man! Ne mo nuammeanom sɛ: Ruhama ase ne sɛ: Nea wɔahu no mmɔbɔ!

2 Hes 16.23 Mo ne mo na nham, monham;

na ɔno de, ɔnyɛ me yere,

na me nso menyɛ ne kunu,

na onyi n’aguamammɔ no mfi n’anim

ne n’awaresɛe no mfi ne nufu ntam,

3na mampa ne ho ntama

mamma wanna adagyaw,

na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no,

na manyɛ no sɛ sare so,

na mamfa no mansi hɔ sɛ asase kesee,

na mamfa osukɔm mankum no.

4Na merenhu ne mma mmɔbɔ,

na aguamammɔ mma ne wɔn.

5 Yer 44.17 Na aguaman na wɔn na bɔe,

na nea onyinsɛn wɔn no yɛɛ aniwude;

na ɔkae sɛ: Medi m’adɔfo akyi; wɔn

na wɔma me m’aduan ne me nsu,

me guannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.

6Ne saa nti, hwɛ,

mede nsɔe metwa wo kwan so ban,

na mato so fasu,

na wanhu kwan mu.

7Na obetiw n’adɔfo,

na ne nsa renka wɔn,

na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyi kwan,

na ɔrenhu;

na ɔbɛka sɛ: Mɛsan m’akyi makɔ me kan kunu no nkyɛn;

na ɛno mu na eye ma me sen nnɛ.

8Na ɔno de, onnim

sɛ me na memaa no

awi ne nsa ne ngo,

na memaa ne dwetɛ dɔe,

ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.

9Ne saa nti mɛsan mabegye

m’awi, ne bere mu,

ne me nsa, ne bere mu,

na mayi me guannwi ne m’asaawa

a ɔde kataa n’adagyaw so no.

10 Yer 13.22, 26 Na afei meyi n’agyimisɛm adi,

n’adɔfo anim,

na obiara renyi no mfi me nsam.

11Na mɛma n’ahosɛpɛw nyinaa to atwa,

ne nnapɔnna, ne sram foforo ne ne homeda

ne n’afahyɛ nyinaa.

12Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma

a ɔkae sɛ:

M’apɛde a m’adɔfo de maa me no ne no;

na mɛyɛ no kwae

ma wuram mmoadoma adi.

13Na mɛba mabɛtwe no nna a odi maa Baalim no so aso,

sɛ ɔhyew aduhuam maa wɔn,

na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinne kekaa ne ho,

na odii n’adɔfo akyi, na me de,

ne werɛ fii me no, AWURADE asɛm ni.

Onyankopɔn nokware

14 Hes 20.35; Yes 40.2 Ne saa nti, hwɛ, mɛbɔ no adafa

mede no makɔ sare so,

na maka no abodwoesɛm

15 Yos 7.24-26; Eks 15.1 na mafi hɔ mama no ne bobe nturo,

na Akor bon no, mayɛ no anidaso pon,

na obegye so wɔ hɔ ne mmabaabere mu,

ne ɛda a ofi Misraim asase so foro bae no.

16Na ɛda no, AWURADE asɛm ni, wobɛfrɛ me sɛ: Ishi ase ne sɛ: Me kunu! Na woremfrɛ me sɛ: Balim a ase ne sɛ: Me Baal bio.

17Na meyi Baal ahorow din mafi n’anom, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.

18Hes 34.25 Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne wuram mmoadoma ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mebubu ɔta ne nkrante ne akodi afi asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.

19Adi 19.7 Na megye wo aware mafa akosi daa, na megye wo aware mafa trenee ne atemmu ne adɔe ne mmɔborohunu so,

20Nnw 146.6; Yer 31.34 na megye wo aware mafa, gyidi so, na woahu AWURADE.

21Na ɛda no, megye so, AWURADE asɛm ni,

megye ɔsoro so,

na ɛno nso agye asase so,

22na asase agye awi ne nsa ne ngo so,

na ɛno nso agye Yesreel so.

23 Hos 1.6; 1.9; Rom 9.25; 1 Pe 2.10 Na medua no mafa, asase so,

na mehu nea wonhuu no mmɔbɔ no mmɔbɔ,

na mɛka makyerɛ nea ɔnyɛ me man no sɛ:

Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ:

Me Nyankopɔn!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help