Yesaia 32 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔman no ahotɔ

1 Yer 23.5 Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene,

na asafohene nso, atemmu so na wobedi asafohene.

2Na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea

ne osu ano guankɔbea,

sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa,

sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.

3Na wɔremfura adehufo aniwa,

na wɔn a wɔte asɛm aso bɛwɛn;

4 Yes 35.6 na adwenharefo a ɛpere asɛm ho benya nhumu

na dodowpofo tɛkrɛma akasa turodoo a emu tew.

5Wɔremfrɛ ogyennyentwi sɛ bapɔmma bio,

na wɔrenka sɛ ɔdaadaafo yɛ ɔdɛɛfo.

6Na ogyennyentwi ka agyennyentwisɛm

na ne koma dwen amumɔyɛsɛm,

sɛ obedi ahuhusɛm

na waka AWURADE ho asɛm a ɛnteɛ,

sɛ ɔbɛma nea odi kɔm kra ada mpan,

na wama anonne abɔ nea odi sukɔm.

7 Mmb 29.4 Na ɔdaadaafo akwan yɛ bɔne,

ɔbɔ ne tirim pɔw bɔne,

sɛ ɔde atosɛm bɛsɛe mmɔboroni

ne ohiani a ɔka nokware.

8Na ɔdɛɛfo dwen ayamye,

na ayamye ara na ɔde gyina.

Mmea no adwotwa

9 Yes 3.16—4.1 Mo mmea a mote hɔ dwoodwoo no, monsɔre ntie me!

Mmabea a mo ho dwo mo, monyɛ aso mma m’asɛm.

10Afe ne akyi nna bi mu no,

mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo,

na bobe abatew to betwa,

nnuaba anoboa remma bio.

11Mo mmabaa a mote hɔ dwoodwoo no,

mo ho mpopo, mo a mo ho dwo mo,

mo ho mpopo! Mompa mo ho, monyeyɛ kwaterekwa,

momfa atweaatam mmobɔ mo asen.

12Mommobɔ mo koko, mfuw afɛfɛ no nti,

bobe nnua a ɛsow pii no ntia.

13Nsɔe ne nguare fuw

me man asase no so,

anigye kurow no mu anigye

adan nyinaa so po.

14Na aban fɛfɛ no bɛda ntuw,

wobegyaw kurow a nnipa dɔɔsɔ wɔ mu,

ne koko ne ɔwɛn aban

bɛdan atu de akosi daa,

sare so mfurum anika

ne mmoakuw adidibea.

15 Yes 44.3; Yoel 2.28; Yes 29.17 Ɛde rekosi sɛ wobefi soro ahwie honhom no agu yɛn so,

na sare so adan asasebere a ɛma nnɔbae,

na wɔabu asasebere a ɛma nnɔbae sɛ kwae;

16na atemmu bɛtena sare so,

na trenee nso atena asasebere a ɛma nnɔbae no mu;

17na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe,

na trenee no aba ayɛ komm ne ahotoso akosi daa;

18na me man bɛtena asomdwoe fi,

ne ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.

19Na amparuwbo begu da a kwae no bɛhwe fam no,

na wɔbɛbrɛ kurow no ase korakora.

20Nhyira ne mo a mugu aba, asu nyinaa ho,

na moma nantwi ne afurum nantew kwa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help