1 Nnw 56.4; Yes 12.2 AWURADE ne me hann ne me nkwagye,
hena na minsuro no?
AWURADE ne me nkwa ahoɔden,
hena anim na me ho mpopo?
2 Hiob 19.22 Nnipa bɔne a wɔhyɛ me so
na wɔtan me,
sɛ wɔretoa me abɛsunsuane me a,
wɔawatiwatiriw na wɔahwehwe ase.
3 Nnw 3.6 Sɛ dɔm bɔ me ho nsra a,
me koma rentu;
sɛ wotu me so sa a,
ɛno mu po na me ho tɔ me.
4 Nnw 23.6; 26.6-8; 42.4; 63.2; 84.3-4 Ade biako na masrɛ AWURADE,
ɛno na mɛhwehwɛ akyi kwan,
sɛ me nna a midi nyinaa mɛtena AWURADE fi,
na mahwɛ AWURADE animtew,
na madwen me tirim, n’asɔrefi.
5 Nnw 31.20; 40.2 Na ɔkora me ne sese mu hiada,
ɔde me hintaw ne ntamadan ahintawee,
ɔma me so gyina ɔbotan so.
6Na afei ɔbɛma me ti so,
m’atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so,
na mabɔ ne ntamadan mu ayeyi afɔre,
na mato AWURADE sanku dwom.
7AWURADE, tie me sufrɛ;
hu me mmɔbɔ, na gye me so.
8 Deut 4.29 Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim nti,
me koma se wo sɛ:
AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.
9Nyi w’ani nhintaw me,
mfa abufuw mpam w’akoa.
Me boafo ne wo,
ntow me nkyene, na nnyaw me,
me nkwagye Nyankopɔn.
10 Yes 49.15 Na m’agya ne me na agyaw me,
na AWURADE de, ogye me.
11 Nnw 25.4; 86.11; 139.24 AWURADE, kyerɛ me wo kwan,
na fa me fa ɔtempɔn tamaa so,
m’atɛwfo nti.
12Nnan me mma sɛ m’atamfo pɛ,
na adansekurumfo asɔre ahyɛ me,
ne wɔn a wɔpuw anuɔdensɛm.
13 Nnw 142.5; Yes 38.11 Migye midi sɛ mehu AWURADE ayamye,
ateasefo asase so.
14 Nnw 31.24 Ma w’ani nna AWURADE so,
hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru,
Yiw, ma w’ani nna AWURADE so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
