Amos NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUAmos ne odiyifo a odi kan wɔ Kyerɛw Kronkron no mu a wɔkyerɛw ne nsɛm no yiye pa ara. Ɛwom sɛ na ofi Yuda kurow bi mu de nanso ɔkɔ kaa asɛm no kyerɛɛ Israel mantifi ahemman no mufo bɛyɛ mfe ahanwɔtwe no mfinimfini ansa na wɔwoo Kristo. Na ɛyɛ bere a ɔman no anya wɔn ho yiye na afei wɔyere wɔn ho wɔ anisoaniso som ho a wosusuw sɛ ɛno na ɛsɔ ani na enti wɔwɔ asomdwoe.Nanso Odiyifo no huu sɛ ahonya ne yiyedi no akodi asikafo no nkutoo nsam, nanso wɔnam amimdi ne nhyɛso a wɔhyɛɛ ahiafo no so na enyae. Onyamesom mu nneyɛe mfi komam, na asomdwoe ne bammɔ nsi pi, sɛnea ɛsɛ. Ɔde ayamhyehye ne akokoduru paee mu kaa Onyankopɔn asɛm no sɛ: Onyankopɔn bɛtwe ɔman no aso. Ɔpaa mu kae sɛ atɛntrenee mpue sɛ asuten na ɔkae sɛ: Ebia AWURADE asafo Nyankopɔn behu ɔman no nkae mmɔbɔ Amos 5.15.EMU NSƐMAtemmu a ɛbɛba aman a atwa Israelfo no ho ahyia no so 1.1—2.5Atemmu a ɛbɛba Israelfo no so 2.6—6.14Anisoadehu ahorow anan no 7.1—9.15