Hiob 17 - KYER?W KRONKRON(RATB)

1M’ahome asa, me nna ahi,

damoa na ɛwɔ hɔ ma me.

2Ampa ara, ahiiyifo na ɛne me wɔ hɔ,

na m’ani tua wɔn ntɔkwapɛ.

3 Hiob 16.19 Si awowa ɛ, di me agyinam wo ara w’anim.

Hena na obegyina m’akyi?

4Na woayi nimdeɛ ahintaw wɔn koma,

enti woremma wɔn so.

5Nea ɔpa ne nnamfo de nya kyɛfa bi no,

ne mma aniwa po bɛhwere.

6 Hiob 30.9 Na ɔde me ayɛ aman akasabebui,

na madan ani so hinam.

7 Nnw 6.7 M’awerɛhow nti m’ani so asiw,

na me ho ade nyinaa ayɛ sɛ sunsuma.

8Teefo ho dwiriw wɔn eyi ho;

na nea odi bem no bo huru ɔkɔnkɔnsani.

9Nanso ɔtreneeni bekura ne kwan mu,

na nea ne nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.

10Na mo nyinaa, monsan mmra ɛ!

Nanso merenhu mo mu nyansafo biara.

11Me nna atwam, wɔatwitwa m’atirimbɔ mu,

me koma ade a ɛpɛ no mu.

12Wɔde anadwo yɛ awia;

wose: Hann bɛn nea esum wɔ.

13Sɛ mede asaman meyɛ me fi,

na metow me mpa esum mu,

14 Hiob 4.19 na mise ɔdamoa sɛ: M’agya ne wo,

ne mmoawa sɛ: Me na ne me nuabea ne mo, a,

15na afei, ɛhe na m’anidaso wɔ?

Na nea m’ani da so no, hena na obehu?

16Ebesian akɔ Asaman adaban mu,

bere a yɛn nyinaa home wɔ mfutuma mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help