Nnwom 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn asomdwoeWɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa asanku nto. Dawid dwom

1Me sufrɛ mu gye me so, me trenee Nyankopɔn!

Ahohia mu, boa me.

Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.

2Mo mmarima mma, m’anuonyam bɛdan ahohora akosi da bɛn?

Mobɛdɔ ade hunu, mubedi atoro akyi akosi da bɛn? Sela

3

5 Nnw 51.17, 19 Mommɔ trenee afɔre,

na momfa mo ho ntweri AWURADE.

6 Num 6.25-26 Nnipa bebree bisa sɛ: Hena na ɔbɛma yɛahu papa?

AWURADE, tew w'anim ma ɛnharan yɛn so.

7Wode anigye ahyɛ me komam asen

bere a wɔn aburow ne wɔn nsaforo dɔɔso no.

8 Lew 26.6; Nnw 3.5 Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko;

na wo, AWURADE, nko na woma metena hɔ dwoodwoo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help