1 Lew 5.14—6.7 Na eyi ne asodi ho afɔre ho mmara; ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron.
2Lew 1.3, 5 Nea wokum ɔhyew afɔre aboa no, ɛhɔ ara na wonkum asodi ho afɔre no nso; na onhwie ne mogya mpete afɔremuka no so nhyia.
3Na onyi ne srade nyinaa mmra: ne sradedua, ne srade a ɛkata ayamde ho no,
4Lew 3.9-10 ne asaabo abien, ne srade a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛbo so ntontan, omfi asaabo ho nyi;
5Na ɔsɔfo no nhyew ne nyinaa afɔremuka no so nyɛ AWURADE gya afɔre: asodi ho afɔre ne no.
6Mmarima a wofi asɔfo abusuakuw mu nyinaa nni; nea ɛhɔ yɛ kronkron na wonni; ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron.
7Sɛ bɔne ho afɔre te no, sɛ asodi ho afɔre nso te ne no, mmara koro na ɛda ho; ɔsɔfo a ɔde pata no, ɛnyɛ ne dea.
8Lew 1.6 Na ɔsɔfo a ɔbɔ ɔhyew afɔre ma obi no, ɔhyew afɔre a ɔbɔe no nhoma nyɛ ɔsɔfo no dea.
9Lew 2.4, 5, 7 Na aduan afɔre a wɔto fononoo mu nyinaa, ne nea wosiesie no kutu mu ne kyew dade so nyinaa, ɔsɔfo a ɔde ba no na ɛnyɛ ne dea.
10Na aduan afɔre a wɔagu so ngo anaa nea ɛyɛ wosee nyɛ Aaron mma nyinaa de, obiara nnya sɛnea ne yɔnko nya.
Asomdwoe afɔre11 Lew 3 Na eyi ne asomdwoe afɔre a wɔbɔ ma AWURADE no ho mmara.
12Lew 22.29 Sɛ wɔyɛ no aseda afɔre de ba a, aseda afɔre a ɔde ba no nyɛ apiti tetare a wɔde ngo afɔtɔw, ne apiti fam a wɔde ngo agu so ne asikresam tetare a wɔde ngo afɔtɔw akyew.
13Mmɔkaw abodoo tetare na ɔmfa nka n'ayɛyɛde ne n'asomdwoe aseda afɔre no ho mmra.
14Na ɔmfa ayɛyɛde no mu biara biako mmra, na wɔmma so mma AWURADE, ɔsɔfo a ɔde asomdwoe afɔre mogya petee no na ɛnyɛ ne dea.
15Lew 19.6; 22.30 Na n'asomdwoe aseda afɔre no nam no, wonni no da a wɔde bae no ara, wonnnyaw bi nnkosi adekyee.
16Na sɛ n'ayɛyɛde no yɛ bɔhyɛ anaa ayamye ayɛyɛde a, wonni no da a ɔbɔ n'afɔre no, na sɛ ade kye bi so a, wonni ara;
17na afɔre no nam a ɛbɛka akosi da a ɛto so abiɛsa no, wɔmfa ogya nhyew.
18Na sɛ obi di n'asomdwoe afɔre nam no bi da a ɛto so abiɛsa no a, ɛrensɔ ani, na wɔremmu mma nea ɔde bae no, ɛyɛ akyide, na ɔkra a obedi bi no bɛsoa ne mmusu.
19Na nam a aka biribi a ɛho ntew no, wonnni; wɔmfa ogya nhyew. Na nam no de, obiara a ne ho tew nni bi.
20Na ɔkra a obedi asomdwoe afɔre a ɛyɛ AWURADE dea no nam no bi na n'afide da no so no, wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.
21Na ɔkra bi a ɔbɛka afide biara, onipa ho afide bi oo, aboa a ne ho ntew oo, akyide biara a ɛho ntew oo, na obedi AWURADE asomdwoe afɔre nam no bi no, wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.
Mogya ne srade ho akyiwade22Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ
23Lew 3.17 Kasa kyerɛ Israelfo sɛ Nantwi ne oguanten ne abirekyi srade biara, munnni.
24Eks 22.31 Na aboa funu srade ne nea wɔatetew no srade, wɔmfa nyɛ adwuma biara, na odi na munnni.
25Na obiara a obedi afieboa a wɔde bi bɛbɔ AWURADE gya afɔre srade no, wobetwa ɔkra a odi no afi ne man mu akyene.
26Lew 3.17 Na mogya biara nso, anomaa de oo, atɔteboa de oo, munnni, mo tenabea biara mu;
27ɔkra biara a obedi mogya biara no, wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.
28Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ
29Kasa kyerɛ Israelfo sɛ Nea ɔbɛbɔ n'asomdwoe afɔre ama AWURADE no, ɔmfa n'asomdwoe afɔre no mu ayɛyɛde mmrɛ AWURADE.
30Eks 29.24 N'ankasa ne nsa na ɔmfa nso AWURADE gya afɔre no mu mmra, srade ne ɔyan na ɔmfa mmra; ɔyan no, wonhim nyɛ ohim afɔre AWURADE anim.
31Na ɔsɔfo no nhyew srade no, afɔremuka no so, na ɔyan no nyɛ Aaron ne ne mma dea.
32Lew 9.21 Na ɔsrɛ nifa no, momfa nyɛ mo asomdwoe afɔre mu soma afɔrebɔde mma ɔsɔfo no.
33Aaron mma mu nea ɔde asomdwoe afɔre mogya ne srade ba no, ɔno na ɔsrɛ nifa no nyɛ ne kyɛfa.
34Na ohim yan ne ɛsoma srɛ no na mafa, Israelfo asomdwoe afɔre no mu, na mede mama ɔsɔfo Aaron ne ne mma sɛ wɔn daa kyɛfa a efi Israelfo nsam.
35Eyi ne Aaron kyɛfa ne ne mma kyɛfa a efi AWURADE gya afɔre mu, ɛda a wɔde wɔn bae sɛ wommedi AWURADE asɔfo,
36na AWURADE hyɛe sɛ wɔmfa mma wɔn, ɛda a wɔsraa wɔn ngo fii Israelfo mu, sɛ ɛnyɛ wɔn daa kyɛfa, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu no.
37Lew 6.20 Eyi ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi ho afɔre ne nsamhyɛ afɔre ne asomdwoe afɔre
38a AWURADE hyɛɛ Mose, Sinai bepɔw so, ɛda a ɔhyɛɛ Israelfo sɛ wɔmfa wɔn ayɛyɛde mmrɛ AWURADE, Sinai sare so no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.