1 Esra 2.2 Na eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro bae no: Seraia, Yeremia, Esra,
2Amaria, Maluk, Hatus,
3Sekania, Rehum, Meremot,
4Luka 1.5 Ido, Ginetoi, Abigya,
5Miamin, Maadia, Bilga,
6Semaia, Yoiarib, Yedaia,
7Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Eyinom ne asɔfo no ne wɔn nuanom atitiriw, Yesua bere so.
8 Neh 11.17 Na Lewifo no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a odi aseda nnwom no so, ɔne ne nuanom,
9na Bakbukia ne Uno, wɔn nuanom, di wɔn ntentenso, ɔwɛn no mu.
10Neh 12.1, 26; 3.1, 20 Na Yesua woo Yehoiakim, na Yehoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada,
11na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.
12Na Yehoiakim bere so no, asɔfo no agyanom atitiriw ni: Seraia fam: Meraia; Yeremia de: Hanania;
13Esra de: Mesulam; Amaria de: Yehohanan;
14Maluki de: Yonatan; Sebania de: Yosef,
15Harim de: Adna; Meraiot de: Helkai;
16Ido de: Sakaria; Gineton de: Mesulam;
17Abigya de: Sikri; Miniamin de, Moadia de: Piltai
18Bilga: Samua; Semaia de: Yehonatan;
19Yoiarib de: Matenai; Yedaia de: Usi;
20Salai de: Kalai; Amok de: Eber;
21Hilkia de: Hasabia; Yedaia de: Netanel.
22 Neh 12.10-11 Lewifo no, Eliasib, Yoiada, Yohanan ne Yadua bere so na wɔkyerɛw agyanom atitiriw no din, asɔfo no nso, wɔkyerɛw wɔn de Persiani Dario ahenni so.
23Lewi mma, agyanom atitiriw no, wɔakyerɛw wɔn din, beresosɛm nhoma no mu de abesi Eliasib ba Yohanan bere so.
241 Be 25; 2 Be 29.25 Na Lewifo mu atitiriw: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua ne wɔn nuanom a wodi wɔn ntentenso yi ayɛ da ase sɛnea Onyankopɔn nipa Dawid hyɛe no, awɛmfo kuw ne kuw:
25Neh 11.17, 19; 2 Be 8.14; 1 Be 26.15, 17 Matania, Bakbukia, Obadia; Mesulam, Talmon ne Akub a wɔwɛn aponanohwɛfo wɛn, apon no anoboa dan no mu.
26Neh 12.10; 1 Be 6.14-15; Neh 5.14; Esra 7.1-6 Eyinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yehoiakim bere so, ne amrado Nehemia ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, bere so.
Nehemia dwira ɔfasu no27Na wɔrebedwira Yerusalem fasu no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no fi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuru, mmɛnta asanku ne asankuten adi odwiratwa no anigye mu.
28Na nnwontofo mma no boaa wɔn ho ano hyiae fi Yerusalem ho kanko no mu ne Netofafo nkuraa ase,
29ne Bet-gilgal ne Geba mfuwa mu ne Asmawet, efisɛ nnwontofo no abobɔ nkuraa de atwa Yerusalem ho ahyia.
30Na asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, na wodwiraa ɔman ne kurow apon ne afasu no.
31 Neh 2.13; 3.13 Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasu no, na mede aseda asafokuw akɛse abien a wɔnam yuu misisii hɔ: Biako faa nifa, ɔfasu no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,
32na Hosaia ne Yuda mmapɔmma fa dii wɔn akyi kɔe,
33ne Asaria, Esra ne Mesulam,
34Yuda ne Benyamin, ne Semaia ne Yeremia,
35ne asɔfo mma no mu binom a wokurakura ntorobɛnto, Yonatan ba Sakaria, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba,
36ne ne nuanom: Semaia ne Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel ne Yuda, Hanani, wokurakura Onyankopɔn nipa Dawid asanku no, na ɔkyerɛwfo Esra di wɔn anim.
37Neh 3.26 Na nsuaniwa pon no so ne wɔn ntentenso no, wɔforoo Dawid kurow aforoe no, ɔfasu no aforoe no so, Dawid fi no atifi fam de kosii Nsu Pono no ano apuei.
38 Neh 3.11 Na aseda asafokuw a ɛto so abien no kɔɔ wɔn ntentenso, na me nso midii wɔn akyi, ne ɔman no fa no, ɔfasu no so de kɔfaa Afononoo Abantenten no so de kosii ɔfasu Tɛtrɛtɛ no so,
39de kɔfaa Efraim Pono ne Ɔpon Dedaw ne Mpataa Pono ne Hananeel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kosii Nguan Pon no ano, na wokogyinaa Nneduadan Pon no ano.
40Ɛnna aseda asafokuw abien no kogyinaa Onyankopɔn fi, me ne mmapɔmma no fa a wɔka me ho,
41ne asɔfo no: Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania a wokurakura ntorobɛnto,
42ne Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkiya, Elam ne Eser; na nnwontofo no momaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so hwɛfo.
43Na wɔbobɔɔ afɔre akɛse da no, na wɔn ani gyei, efisɛ Onyankopɔn de anigye kɛse agye wɔn ani; na mmea ne mmofra nso ani gyei, na wɔtee Yerusalem anigye no nka akyirikyiri.
Asɔrefi akyɛde so ahwɛfo44 Neh 10.36; 13.5 Na ɛda no ara, wɔde mmarima bi sisii akorade ne soma afɔrebɔde ne aduankan ne ntotoso du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkurow no mfuw mu kyɛfa a mmara no hyɛe no ano ngu mu mma asɔfo ne Lewifo no, efisɛ Yuda nyaa asɔfo ne Lewifo a wosisii wɔn no ho anigye.
45Na wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som adwuma ne ahodwira ho som adwuma sɛ nnwontofo ne apon ano hwɛfo no sɛ Dawid ne ne ba Solomon hyɛe no.
461 Be 25 Na tete no, Dawid bere so no, na Asaf ne nnwontofo ne Onyankopɔn ayeyi ne aseda so otitiriw.
47Neh 10.38 Na Serubabel ne Nehemia bere so no, Israel nyinaa momaa nnwontofo ne apon ano hwɛfo no kyɛfa, da biara ne ne de, na wɔde akronkronne maa Lewifo, na Lewifo no nso de akronkronne maa Aaron mma.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.