Eksodɔs 18 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yetro ba Mose nkyɛn

1 Eks 3.1 Na Yetro, Midian sɔfo a ɔyɛ Mose n'ase no tee nneɛma a Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel no nyinaa, sɛnea AWURADE ayi Israel afi Misraim no.

2Eks 4.20 Na Yetro, Mose n'ase no, faa Mose yere Sipora a wama wasan kɔ no

3Eks 2.22 ne ne mmabanin baanu no, obiako din de Gersom, (efisɛ ose: Mayɛ amannɔne hɔho),

4na obiako din de Eliesa, (efisɛ ɔkae se: M'agya Nyankopɔn ne me boafo, na wayi me afi Farao nkrante ano).

5Na Yetro, Mose n'ase no, ne ne mma no ne ne yere baa Mose nkyɛn wɔ sare no so, nea wabɛbɔ nsra hɔ, Onyankopɔn bepɔw no ho.

6Na obi ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, w'ase Yetro, ne wo yere ne ne mma baanu reba wo nkyɛn.

7Na Mose fii adi kohyiaa n'ase, na ɔkotow no few n'ano, na wokyiakyiaa wɔn ho wɔn ho, na wɔbaa ntamadan mu.

8Na Mose kaa nneɛma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amane a ɛtoo wɔn ɔkwan no so nyinaa, ne sɛnea AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n'ase.

9Na Yetro ani gyee papa a AWURADE ayɛ ama Israel sɛ oyii wɔn fii Misraimfo nsam no nyinaa ho.

10Na Yetro kae sɛ: Nhyira nka AWURADE a oyii mo fii Misraimfo ne Farao nsam no.

11Neh 9.10 Afei na mahu sɛ AWURADE yɛ kɛse sen anyame nyinaa, efisɛ oyii ɔman no fii Misraim nsam, bere a wɔredi wɔn so ahantansɛm.

12Na Yetro, Mose n'ase, de ɔhyew afɔre ne okum afɔre brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanyin nyinaa bae sɛ wɔne Mose n'ase rebedidi wɔ Onyankopɔn anim.

Woyiyi atemmufo(Deuteronomium 1.9-18)

13Na ade kyee no, Mose tenaa ase sɛ ɔrebu ɔman no atɛn; na ɔman no gyinaa Mose ho fi anɔpa kosii anwummere.

14Na Mose n'ase no huu nea ɔreyɛ ɔman no nyinaa no, ɔkae sɛ: Dɛn ne nea woreyɛ ɔman no yi? Ɛdɛn nti na wo nko wote hɔ, na ɔman no nyinaa gyinagyina wo ho fi anɔpa abedu anwummere yi?

15Na Mose ka kyerɛɛ n'ase sɛ: Ɔman no ba me nkyɛn bebisa me hɔ Onyankopɔn ho akwankyerɛ.

16Sɛ wonya asɛm bi a, wɔba me nkyɛn, na mibu onipa ne ne yɔnko ntam atɛn, na mekyerɛ wɔn Onyankopɔn ahyɛde ne ne mmara.

17Na Mose n'ase no ka kyerɛɛ no sɛ: Nea woyɛ yi nye.

18Deut 11.14; Deut 1.9 Ɔbrɛ na wo ne ɔman a wɔka wo ho yi bɛbrɛ, efisɛ ade yi yɛ duru dodo ma wo, na wo nko worentumi nyɛ.

19Afei tie me nne, metu wo fo, na Onyankopɔn nni w'akyi; wo de, gyina Onyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn,

20na kyerɛkyerɛ wɔn ahyɛde ne mmara horow no mu, na ma wonhu ɔkwan ko a wɔmfa so ne nea wɔnyɛ.

21Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanyin, ɔha ɔha so mpanyin, aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin.

22Na wonsiesie ɔman no mu nsɛmbere nyinaa mu; na asɛnkɛse biara de, wɔmfa mmrɛ wo, na nsɛm nketewa nyinaa de, wɔn ara wonni na ama ayɛ wo so hare, na wɔne wo aso mu.

23Sɛ woyɛ eyi na Onyankopɔn hyɛ wo saa a, ɛno na wubetumi agyina, na ɔman yi nyinaa nso bɛkɔ wɔn tenabea dwoodwoo.

24Ɛnna Mose tiee n'ase asɛm no, na ɔyɛɛ nea ɔka kyerɛɛ no no nyinaa.

25Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔyɛ den, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitiriw, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so ne du du so mpanyin.

26Na wosiesie ɔman no mu nsɛm bere nyinaa mu: nsɛm a ɛyɛ den no, wɔde brɛɛ Mose, na nsɛm nketewa de, wɔn ara dii.

27Na Mose kogyaa n'ase kwan, na ɔkɔɔ n'ankasa asase so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help