1 Samuel 12 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Samuel kasa kyerɛ ɔman no

1 1 Sa 8.7, 22; 11.15 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Hwɛ, matie mo, sɛnea moka kyerɛɛ me no nyinaa, na masi mo so hene.

2Na afei, hwɛ, ɔhene no na odi mo anim yi. Na me de, mabɔ akora na mafuw dwen, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me de, mifi me mmofraase na manantew mo anim mabedu nnɛ da yi.

3Num 16.15 Hwɛ, mini, munni me adanse, AWURADE ne nea wasra no yi anim: Hena nantwi na mafa? Na hena afurum na mafa? Na hena na mahyɛ no so? Na hena na madi no amim? Anaa hena hɔ na magye ademmude na mede mamua m’ani mama no? Na mennan memma mo. Momfa nto gua na metua onipa ko ka

4Na wose: Dabi wunnii yɛn amim na wonhyɛɛ yɛn so na wunnyee obiara hɔ biribi ɛ.

5Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo dansefo, na nea wasra no yi ne ɔdansefo nnɛ, sɛ moanhu biribiara me nsam. Na wɔkae sɛ: Ɔne dansefo.

6Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: AWURADE a oyii Mose ne Aaron na ɔde mo agyanom fii Misraim asase so bae no!

7Na afei mummegyina ha, na minyi mo ntɛn AWURADE anim, AWURADE trenee a wayɛ ama mo ne mo agyanom no nyinaa ho:

8Eks 3.7 Sɛnea Yakob kɔɔ Misraim na mo agyanom su frɛɛ AWURADE, na AWURADE somaa Mose ne Aaron na woyii mo agyanom fii Misraim ma wɔbɛtenaa ha yi.

9Ate 4.2; 10.7; 13.1; 3.12 Na wɔn werɛ fii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa, ne Filistifo nsa, ne Moab hene nsa, na wɔne wɔn bɛkoe.

10Na wosu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagyaw AWURADE akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn yɛn atamfo nsam, na yɛbɛsom wo.

11Ate 6.14; 11.29; 1 Sa 7.3 Na AWURADE somaa Yerubaal ne Bedan ne Yefta ne Samuel, na oyii mo mo atamfo nsam hyiae ma motenaa ase dwoodwoo.

121 Sa 8.19 Na muhui sɛ Amonfo hene Nahas reba mo so no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmedi yɛn so, bere a AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene.

13Na afei, hwɛ, ɔhene a moapaw no a mosrɛɛ no no ni; na hwɛ, AWURADE asi mo so hene.

14Sɛ musuro AWURADE na mosom no na mutie no, na moantew AWURADE anom asɛm atua a, ɛnne mo ne ɔhene a odi mo so no nyinaa bedi AWURADE mo Nyankopɔn akyi. Na ebesi mo yiye.

15Na sɛ moantie AWURADE na motew AWURADE anom asɛm atua a, ɛnne AWURADE nsa bɛda mo so sɛnea ɛdaa mo agyanom so no.

16Afei nso mummegyina ha nhwɛ ade kɛse a AWURADE rebɛyɛ mo anim yi:

17So ɛnyɛ awitwa bere ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama ɔprannaa ne osu aba, na moahwɛ ahu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim sɛ moabisa ɔhene afa no so.

18Ɛnna Samuel frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔprannaa ne osu bae da no. Na ɔman no nyinaa suroo AWURADE ne Samuel sɛ.

19Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpae ma wo nkoa, na yɛanwu, efisɛ yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa.

20Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa de, nanso AWURADE akyi na monnsan mmfi, na momfa mo koma nyinaa nsom AWURADE.

21Deut 32.37-38 Na mommman nnkodi ade hunu a mfaso ne ogye nni ho no akyi, na ɛyɛ ade hunu.

22Eks 19.6 Na AWURADE din kɛse no nti ɔrempa ne man; na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man.

231 Sa 7.8 Me nso, ɛmpare me sɛ megyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo ɔkwan pa a ɛteɛ no.

242 Ah 17.39 Osuro nko na munsuro AWURADE, na momfa mo koma nyinaa nsom no nokware mu. Na monhwɛ ade kɛse a wayɛ ama mo no.

25Na sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnne wɔbɛsesaw mo ne mo hene nyinaa akɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help