Eksodɔs 12 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Twam no

1 Eks 23.15; 34.18; Lew 23.5-14; Num 28.16-25; Deut 16.1-8; Num 9.1-14; 1 Ko 5.7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Misraim asase so sɛ:

2Eks 13.4 Momfa ɔsram yi nyɛ asram ti, na ɛnyɛ mo afe mu ɔsram a edi kan.

3Monka nkyerɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: Ɔsram yi da a ɛto so du no, wɔmfa nguammaa mmiako mmiako, sɛnea wɔn mpanyin fi tetee; ofi biako oguammaa biako.

4Na sɛ ofi no mufo nnɔɔso sɛ wobedi oguammaa a, ma ɔne nea ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛnea akra no dodow te. Monkenkan oguammaa so nnipa, sɛnea ɛbɛso wɔn di.

5Lew 22.20 Oguammaa a onni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nguanten anaa mmirekyi mu.

6Na momfa no nsie nkodu ɔsram yi da a ɛto so dunan; na Israel asafo mu no nyinaa nkunkum wɔn anwummere.

7Eks 12.13, 22 Na wɔmfa mogya no bi nsra adan a wobedi wɔ mu no apongua abien ne aponguatifi no ho.

8Na wonni nam no anadwo no ara; wɔmfa ogya ntoto, na wɔmfa apiti ne fan nwenenwene nni.

9Munnni no amono, na mommfa nsu nnnoa, na mmom momfa ogya ntoto, ne ti ne n'asrɛ ne n'ayamde no.

10Na munnnyaw bi nnsie na ade nnkye so; na sɛ ebi ka na ade kye so a, momfa ogya nhyew.

11 Yes 52.12 Na sɛnea munni no ni: Monkyekyere mo asen, na mo mpaboa nhyehyɛ mo anan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na munni no hare so. Ɛyɛ AWURADE twam.

12Num 33.4 Na merebetwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, efi nnipa so kosi mmoa so, na mebu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.

13Heb 11.28 Na mogya no nyɛ sɛnkyerɛnne mma mo, afi a mowowɔ mu no mu; na sɛ mihu mogya no a, matwa mo ho, na merebɔ Misraim asase a, amane bi amma mo so ammɛsɛe mo.

14Na ɛda yi nyɛ mo nkae, na monhyɛ ho fa mma AWURADE, mo awo ntoatoaso mu. Monyɛ no afahyɛ, daa atɔremude.

15 Eks 13.7 Nnansɔn na munni apiti. Da a edi kan no ara na momma mmɔkaw to ntwa mo afi mu, efisɛ obiara a obedi mmɔkaw abodoo fi da a edi kan no de kosi da a ɛto so ason no, wobetwa saa ɔkra no afi Israel mu.

16Na da a edi kan no munhyia nhyia kronkron, na da a ɛto so ason no nso munhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye nea obiara bedi nko ho adwuma na monyɛ.

17Na monhyɛ apiti fa no, efisɛ saa da yi ara na miyii mo dɔm no mifii Misraim asase so. Ɛno nti munni da yi mo awo ntoatoaso mu nyɛ no daa atɔremude.

18Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere no mumfi apiti di ase nkosi ɔsram no da a ɛto so aduonu biako anwummere.

19Nnansɔn na mommma wonnhu mmɔkaw wɔ mo afi mu, efisɛ obiara a obedi abodoo a akaw no, ɔhɔho oo, nea wɔwoo no asase no so oo, wobetwa saa ɔkra no afi Israel asafo mu.

20Munnni biribiara a akaw, munni apiti wɔ mo tenabea nyinaa.

21Ɛnna Mose frɛɛ Israel mpanyimfo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyiyi nguan mfa, sɛnea mo mmusua te, na munkum twam no.

22Na momfa adwerɛ kasiaw mmɔ mogya a ɛwɔ yawa mu no mu, na momfa yawa no mu mogya no bi nsra aponguatifi ne apongua abien no ho, na mo mu biara mmfi adi mmfi ne fi pon ano nkosi anɔpa.

23Efisɛ AWURADE rebetwam abobɔ Misraimfo, na sɛ ohu mogya no wɔ aponguatifi ne apongua abien no ho a, AWURADE betwa ɔpon no ho, na ɔrento ɔsɛefo no kwan mma ɔmma mo afi mu mmɛbobɔ mo.

24Na munni asɛm yi so, na ɛnyɛ ahyɛde mma wo ne wo mma nkosi daa.

25Na ɛba sɛ mudu asase a AWURADE de bɛma mo sɛnea ɔkae no so a, munni ɔsom yi so.

26Gye 18.19; Deut 6.7, 20 Na sɛ mo mma bisa mo sɛ: Mo som yi ase ne dɛn a?

27Monka sɛ: Ɛyɛ twam afɔre a yɛbɔ ma AWURADE a otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim, ɛda a ɔbobɔɔ Misraimfo na oyii yɛn afi fii mu no.

28Na ɔman no nyinaa bobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Israelfo no siim kɔe kɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no, saa ara na wɔyɛe.

Wokum Misraimfo mmakan

29 Eks 4.23 Na anadwo dasu mu no AWURADE bobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa, efi Farao abakan a ɔtena n'agua so so de kosi dommum a ɔwɔ deduadan mu abakan so, ne afieboa mmakan nyinaa.

30Ɛnna Farao sɔree anadwo no ara, ɔne ne nkoa nyinaa ne Misraimfo nyinaa, na osu kɛse baa Misraim, efisɛ na ofi biara nni hɔ a funu nni mu.

31Na ɔfrɛɛ Mose ne Aaron anadwo no kae sɛ: Monsɔre mfi me man mu, mo ne Israelfo no, na monkɔ nkɔsom AWURADE, sɛnea mokae no.

32Eks 10.26 Mo nguan ne mo anantwi nso, momfa wɔn, sɛnea mokae no, na monkɔ, na munhyira me nso.

33Eks 6.1 Na Misraimfo piapiaa ɔman no sɛ wɔnyɛ ntɛm mfi asase no so, efisɛ wose: Yɛn nyinaa rewuwu.

34Na ɔman no soasoaa wɔn mmɔre ansa na ɛrekaw kyekyeree wɔn mmɔre akorow wɔ wɔn ntama mu de sisii wɔn kɔn ho.

35Eks 11.2 Na Israelfo no yeyɛe sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na wobisabisaa Misraimfo hɔ dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntama.

36Eks 3.21 Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam, Misraimfo anim, na wɔde nea wobisae maa wɔn. Na wɔfaa Misraimfo agyapade no kɔe.

Israelfo fii Misraim

37Na Israelfo no siim fii Rameses kɔɔ Sukot, wɔbɛyɛ mmarima a wɔnam fam mpem ahorow ahansia, mmofra mfra mu.

38Na afrafrafo pii nso ne wɔn kɔe, ne nguan ne anantwi, mmoa pii pa.

39Na wɔde mmɔre a wɔde fi Misraim bae no totoo apiti fam, na ɛnkawee ɛ, efisɛ Misraimfo no pam wɔn, na wɔantumi antwentwɛn wɔn nan ase, na wonsiesiee akwansoduan nso ɛ.

40Gye 15.13 Na Israelfo tena a wɔtenaa Misraim no si mfirihyia ahanan aduasa.

41Na mfe ahanan aduasa no awiei no, da no ara na AWURADE asafo no nyinaa fii Misraim asase so.

42Ɛyɛ anadwo a wodi ma AWURADE a oyii wɔn fii Misraim asase so no, anadwo no ara na wodi ma AWURADE wɔ Israelfo nyinaa mu wɔn awo ntoatoaso mu.

43Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Eyi ne twam no ho ahyɛde: Ɔnanani biara nnni bi.

44Na obiara akoa a ɔde sika atɔ no no, twa no twetia ansa na wadi bi.

45Mo nkyɛn tenafo ne ɔpaani nnni bi.

46Yoh 19.36 Ofi biako mu na wonni, wɔmmfa nam no bi mmfi fie hɔ mmfi adi, na mummmu ne dompe bi.

47Israel asafo nyinaa nyɛ saa.

48Na sɛ obi abɛsoɛ wo nkyɛn hɔho na ɔpɛ sɛ odi twam ma AWURADE a, ma wontwa ne mmarima nyinaa twetia, na ɛno ansa na ɔmmɛn mmedi, na ɔnyɛ sɛ nea wɔwoo no asase no so; na momonoto biara de, onnni bi.

49Lew 24.22 Mmara koro nna hɔ mma okuroni ne ɔhɔho a ɔbɛsoɛ mo mu.

50Na Israelfo nyinaa yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no; saa ara na wɔyɛe.

51Na da no ara, AWURADE yii Israelfo no fii Misraim asase so, sɛnea wɔn asafo te.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help