Mateo 8 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔkwatani bi ahofi(Marko 1.40-44; Luka 5.12-14)

1Na ofi bepɔw no so sianee no, nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi.

2Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.

3Na ɔteɛɛ ne nsa kaa no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no gyaee.

4Akoa bi ayaresa(Luka 7.1-10)

5Na Yesu kɔhyɛn Kapernaum no, asraafo ha so panyin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no

6sɛ: Owura, m’abofra da fie yare mmubui rehu amane dodo.

7Na Yesu see no sɛ: Mɛba mabɛsa no yare.

8Na asraafo ha so panyin no buae sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase, na ka asɛm nko, na m’abofra no ho bɛyɛ no den.

9Na me nso meyɛ onipa a mewɔ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na mise oyi sɛ: Kɔ a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo bi sɛ: Bra a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi a, ɔyɛ.

10Ahum asebrɛ(Marko 4.36-41; Luka 8.23-25)

23Na ɔtenaa ɔkorow no mu no, n’asuafo no dii n’akyi.

24Na hwɛ, ahum kɛse bi tui ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so; na ɔno de, na wada.

25Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!

26Mat 14.31; 16.8 Na osee wɔn sɛ: Mo a mo gyidi sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne ɛpo no, na ɛyɛɛ dinn.

27Na ɛyɛɛ nnipa no nwonwa, na wɔkae sɛ: Onipa bɛn koraa ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?

Ahonhommɔne(Marko 5.1-17; Luka 8.26-37)

28Na oduu asuogya noho, Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a honhommɔne wɔ wɔn so fi aboda mu behyiaa no; wɔyɛ keka sɛ, enti obiara ntumi ntwam ɔkwan no so.

29Luka 4.41; 2 Pe 2.4 Na hwɛ, wɔteɛteɛɛm sɛ: Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ wobɛyɛ yɛn ayayade ansa na bere no adu anaa?

30Nanso na mprakokuw bi redidi akyirikyiri.

31Na ahonhommɔne no srɛɛ no sɛ: Sɛ wutu yɛn a, ma yɛn kwan na yɛnkɔ mprakokuw yi mu.

32Na osee wɔn sɛ: Monkɔ! Na wofii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ, mprakokuw no nyinaa bɔɔ kirididi sian ɔbotan kuronkuron no koguu po no mu wuwui nsu no mu.

33Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no guanguanee, na wɔkɔɔ kurow no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so no ho asɛm kyerɛe.

34Na hwɛ, kurom hɔfo no nyinaa fii adi sɛ wɔrebehyia Yesu; na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn hye so hɔ nkɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help