Nnwom 102 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nkɔmmɔdi ne anidasoMmɔboroni a ne home tew no a oyi ne nkɔmmɔ gu AWURADE anim no mpaebɔ

1AWURADE, tie me mpaebɔ,

na ma me sufrɛ nnu w’anim.

2Nyi w’anim nhintaw me,

da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me,

da a misu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.

3Na me nna hi sɛ owusiw,

na me nnompe adɔ sɛ muka.

4Me koma abow na akisa sɛ fan,

na m’ani apa m’aduan di so.

5 Hiob 19.20 M’apinisi nne nti me nnompe afomfam me werem.

6Mete sɛ sare so pokupoku,

mayɛ sɛ amamfo so patu.

7Misi pɛ, mete sɛ akasanoma

a ne nko si ɔdan atifi.

8Daa adesae na m’atamfo bɔ me ahohora,

wɔn a wɔbɔ me so dam de me yɛ ntanka.

9 Nnw 80.5 Na madi nso sɛ aduan,

na mede osu mafra m’anonne mu.

10Efi w’abufuw ne w’anibere so,

sɛ womaa me so, na woatow me akyene.

11 Nnw 90.5; Hiob 14.2 Me nna te sɛ sunsuma a ɛretwam,

na me de, mikisa sɛ fan.

12Na wo, AWURADE de, wowɔ hɔ daa,

na wo nkae kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

13 Nnw 14.7 Wobɛsɔre abehu Sion mmɔbɔ,

na ɛbere a ɛsɛ sɛ wodom no ni,

na ɛbere no adu.

14Na wo nkoa wɔ n’abo ho koma,

na wɔn yam hyehye wɔn, ne mfutuma ho.

15Na amanaman besuro AWURADE din,

na asase so ahene nyinaa asuro w’anuonyam,

16sɛ AWURADE akyekye Sion,

wayi ne ho adi n’anuonyam mu,

17wadan n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.

18Wɔbɛkyerɛw eyi ama nkyirimma,

na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no beyi AWURADE ayɛ,

19sɛ wafi ne soro kronkron hɔ abrɛ n’ani ase ahwɛ fam,

AWURADE fi soro na ahwɛ asase,

20 Nnw 79.11 sɛ obetie apokyerɛfo apinisi,

na wasan owu mma;

21na wɔabɔ AWURADE din Sion,

aka n’ayeyi Yerusalem,

22 Nnw 87.4 da a aman bɛbom aboaboa wɔn ho ano,

ne ahenni, sɛ wɔbɛsom AWURADE.

23Wagow me tumi mu ɔkwan mu,

watwa me nna so.

24 Nnw 55.23 Meka sɛ: Me Nyankopɔn, mmu me nna mu mfa me,

wo mfe kyɛ kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

25 Heb 1.10-12; Nnw 90.2 Tete bemee na wohyɛɛ asase ase,

na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.

26 2 Pe 3.10 Ɛno de, ɛbɛsɛe, na wo de, wutim hɔ daa.

Wɔn nyinaa besuw sɛ atade,

wɔbɛsakra wɔn sɛ atade, na wɔasakra.

27 Nnw 102.12 Na wone wo ara,

na wo mfe rensa da.

28 1 Yoh 2.17 Wo nkoa mma bɛtena ase,

na wɔn asefo atim w’anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help