1Komam nsiesiei yɛ onipa dea,
na tɛkrɛma mmuae fi AWURADE.
2 Mmb 21.2 Onipa akwan nyinaa so tew n’ani so,
na ahonhom karifo ne AWURADE.
3 Nnw 37.5 Fa wo nnwuma hyɛ AWURADE nsa,
na w’adwene betim.
4AWURADE yɛ ade nyinaa ma biribi,
ɔbɔnefo mpo ma da bɔne.
5 Mmb 11.21 Koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ AWURADE akyide,
ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.
6Wɔde adɔe ne nokware kata amumɔyɛ so,
na wɔde AWURADE suro kwati bɔne.
7 Gye 31.24; 33.4 Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a,
ɔma n’atamfo po ne no ntam ba asomdwoe.
8 Mmb 15.16 Trenee mu ade ketewa ye
sen nnɔbae pii a emfi trenee mu.
9 Mmb 19.21 Onipa koma na edwen ne kwan ho,
na AWURADE na ɔtaataa n’anammɔn.
10Nkɔmhyɛ wɔ ɔhene anom,
atemmu mu nso n’ano mfom.
11 Mmb 11.1 Abrammo ne nsenia tee yɛ AWURADE dea,
fotow mu abo nyinaa yɛ ne nnwuma.
12 Mmb 20.28; 25.5; 29.14 Ahemfo akyide ne abɔnefosɛm di,
na trenee mu na agua tim.
13Ahemfo anisɔde ne ano trenee,
na nea ɔka nea ɛteɛ no, ɔdɔ no.
14 Mmb 20.2 Ɔhene anibere yɛ owu bɔfo,
na ɔba nyansafo pata no.
15 Mmb 19.12 Ɔhene animtew mu na nkwa wɔ,
na n’anisɔ te sɛ adommere mu mununkum.
16 Mmb 3.14; 8.10-11, 19 Nyansa nya ye sen sika dɛn ara,
na nhumu nya sɛ sɛ wɔpaw sen dwetɛ.
17Teefo tempɔn ne bɔne kwati,
nea ɔhwɛ ne kwan kora ne kra so.
18 Mmb 18.12 Ahantan di ɔsɛe anim,
na kwasiare honhom di asehwe kan.
19Eye sɛ wo ne abrɛfo nya ahobrɛase honhom
sen sɛ wo ne ahokyerɛfo bɛkyɛ asade.
20Nea odwen asɛm so no hu papa,
na nhyira ne nea ɔde ne ho to AWURADE so.
21Wɔfrɛ komam nyansafo sɛ nhumufo,
na ano dɛdɛ ma adenim dɔ.
22 Mmb 13.14; 14.27 Nimdeɛ yɛ nkwa nsuti ma nea ɔwɔ,
na agyimifo asotwe ne wɔn agyimisɛm.
23Onyansafo koma kyerɛ n’ano nimdeɛ,
na ɛma adenim dɔ n’anom.
24 Mmb 12.25 Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm,
ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan.
25 Mmb 14.12 Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so,
na n’awiei yɛ owu kwan.
26 Mmb 18.7 Odwumayɛfo kɔm yɛ adwuma ma no,
efisɛ n’ano pia no.
27Obusuyɛfo bɔre bɔne,
na n’ano te sɛ ogya a ɛhyehye.
28 Mmb 6.14, 19 Onipa kɔntɔnkye hyɛ takrawogyam,
na osututufo tetew nnamfo ntam.
29 Mmb 1.10-14 Omimdifo sisi ne yɔnko,
na ɔde no fa ɔkwan a enye so.
30 Mmb 6.13 Nea omua n’ani dwen akɔntɔnkyesɛm ho,
ɔwe n’ano wie bɔneyɛ.
31 Mmb 20.29 Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen,
wohu no trenee kwan so.
32 Mmb 14.29 Nea ne bo kyɛ fuw no yɛ sen dɔmmarima,
na nea odi ne honhom so no sen nea ɔko fa kurow.
33Kokom na wɔtwe ntonto,
na ɛho atemmu nyinaa fi AWURADE.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.