1 1 Ah 6; 7.15-22 Na Solomon fii ase sii AWURADE fi no Moria bepɔw a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛe, Yebusini Ornan awiporowbea hɔ Gye 22.2; 1 Be 21.18-26
2Na ofii ase sii, ɔsram a ɛto so abien da a ɛto so abien, n’ahenni afe a ɛto so anan mu.
3Na eyi ne ase a Solomon hyɛe sɛ ɔresi AWURADE dan no: N’atwemu si kan nsusuwii no mu basafa aduasa, na ne trɛw nso basafa du.
4Na ntwironoa a ɛwɔ ɔdan no trɛw anim no, ne ntwemu si basafa du, na ne korɔn basafa aduosia. Na ɔde sika amapa duraa emu fam.
5Na ɔdan kɛse no, ɔde ɔpopaw nnua kataa ho, na ɔde sika pa kataa ho, na odidii so adwinni: Mmɛ ne ntweaban.
6Na ɔde abo a ne bo yɛ den duraa ɔdan no ho sɛ ahyehyɛde. Na sika no yɛ Parwaim sika.
7Na ɔde sika kataa ɔdan no mpuran, apongua, n’afasu ne n’apon ntanta no ho. Na oyiyii kerubim nsamaa afasu no ho.
8Na ɔyɛɛ kronkronbea dan no, ne ntwemu, sɛnea ɔdan no trɛw te, esi basafa du, na ne trɛw si basafa du, na ɔde sika pa a ano si dwetikɛse ahansia kataa ho.
9Na nea wɔkarii de yɛɛ nnadewa no ano si sika nnwetɛbona aduonum. Na ɔsoro adan no nso, ɔde sika kataa ho.
10Na kronkron mu kronkronbea dan no mu no, ɔde osen adwuma yɛɛ kerub abien, na ɔde sika duraa ho.
11Na kerubim no ntaban atwemu si basafa du, obiako ntaban biako si basafa abien ne fa, na ɛka ɔfasu, ntaban biako no nso si basafa anum na ɛka kerub biako no ntaban.
12Na kerub biako no nso ntaban si basafa abien ne fa, na ɛka ɔdan no fasu no, na ntaban biako no nso si basafa abien ne fa, na ɛpem kerub biako no ntaban no.
13Kerubim yi ntaban a wɔatrɛw mu no si basafa du, na wogyinagyina wɔn anan so, na wɔn ani kyerɛkyerɛ ɔdan no.
14Eks 26.31 Na ɔde bibiri ne asaawa a ɛberedum ne adidi ne nwera yɛɛ mmɔɔhɔɔ, na ɔyeyɛɛ mu kerubim.
15Na ɔyeyɛɛ ɔdan no anim adum abien, n’atenten basafa dunsɔn ne fa, na aduntiri a ɛwɔ atifi no basafa abien ne fa.
16Na ɔyɛɛ ntweaban mpiakyiri no mu, na ɔde sensɛn adum no atifi, na ɔyeyɛɛ atea aba sɛso ɔha hyehyɛɛ ntweaban no mu.
17Na ɔmomaa adum no so sisii asɔredan no anim, biako wɔ nifa, na biako wɔ benkum fam. Na ɔtoo nifa de no: Yakin, na benkum de no, ɔtoo no: Boas.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.