2 Korintofo NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)

NHYƐNMUPaulo kyerɛwee ne nhoma a ɛtɔ so abien no kɔmaa Korintofo bere a na ayɔnkofa a ɛda ɔne Korinto asafo no ntam nyɛ papa. Na asafo no mu nnipa bi asɔre atia Paulo, nanso na ɔpere hwehwɛ sɛ obesiesie wɔn ntam. Ɔkaa nso sɛ, ɛbɛyɛ no anigye sɛ eyi bɛba mu.Ɔfa a edi kan wɔ nhoma no mu no, Paulo kyerɛkyerɛ ayɔnkofa a na ɛda ɔne Korinto asafo no ntam no mu. Ɔkyerɛɛ mu nea enti a ɔkasaa dennen so kyerɛɛ wɔn a wɔkasa tiaa no na wɔsɔre tiaa no wɔ asafo no mu. Ɔkasa kyerɛɛ anigye a wanya afi ne kasa dennen a ɔkasae na awie wɔn adwensakra ne nkabom. Ɛno akyi ɔsrɛɛ asafo no sɛ wɔmfi wɔn yam nyi bi mfa mmoa Kristofo a biribi ahia wɔn wɔ Yudea no. Ti a etwa to no mu, Paulo yi ne ho ano sɛ ɔyɛ ɔsomafo. Ɔde yi ne ho ano sɛ nnipakuw ketewa bi a ɛwɔ Korinto no ka se Paulo nyɛ ɔsomafo papa na mmom wɔn na wɔyɛ nokware asomafo.EMU NSƐMAhyɛase nkyerɛkyerɛmu 1.1-11

Paulo ne asafo a ɛwɔ Korinto no 1.12—7.16

Ntoboa a ɔde rekɔma Akristofo wɔ Yudea 8.1—9.15

Paulo anoyi wɔ n’asomafoyɛ tumi ho 10.1—13.10

Awiei 13.11-14

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help