Hiob 20 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Sofar kasa sɛ: Abɔnefo yiyedi nkyɛ

1 Hiob 15; 18 Ɛnna Naamani Sofar buae sɛ:

2Me ho pere me nti,

m’adwene yɛ me sɛ mimmua.

3Mate nteɛso a asopa me,

nanso honhom fi me nhumu mu bua me.

4So wunnim eyi a efi tete,

efii sɛ wɔde nnipa sii asase so no,

5sɛ abɔnefo ahurusidi nkyɛ,

na nyaatwomfo anigye yɛ bere tiaa bi nko?

6 Nnw 37.35 Sɛ ne kɛseyɛ korɔn kɔpem ɔsoro,

na ne ti kɔka omununkum a,

7 1 Ah 14.10 ɔbɛyera koraa sɛ ne sɛbew,

wɔn a wohuu no no bɛka sɛ: Ɔwɔ he?

8 Nnw 73.20 Obetu akɔ sɛ ɔdae, na wɔrenhu no,

na wɔbɛpam no akɔ sɛ anadwo adehu.

9 Nnw 37.10 Aniwa a ahu no renhu no bio,

na ne tenabea renhu no bio.

10 Hiob 27.14 Ne mma bɛpata abrɛfo,

na ne nsa adan n’ahode ama.

11Ne mmerantebere mu ahoɔden hyɛɛ ne nnompe mama,

na afei ɛne no abɛda dɔte mu.

12Sɛ adebɔne yɛɛ n’anom fremfrem,

na ɔde siee ne tɛkrɛma ase,

13na ɔkyɛee so na wannyaa mu,

na ɔma ɛkaa ne dodom a,

14afei de n’aduan asakra ne nsono mu,

nhurutoa bɔre wɔ ne yam.

15Wamene adedodow, na ɔbɛfe bio,

Onyankopɔn betu afi ne yam;

16obefew ahurutoa bɔre,

na ɔprammiri tɛkrɛma bekum no.

17N’ani rennye nsuwansuwa ho,

ɛwo ne nufusu ani srade asuasu nsubɔnten ho.

18 Deut 28.30-33 Ɔbɛdan nea wabrɛ ho ama, na ɔremmene,

n’ade a wanya no, ɔrenni ho ahurusi,

sɛ ne dodow te no.

19Efisɛ wapɛtɛw abrɛfo agyaw wɔn,

na wafa ofi a ɛnyɛ ɔno na ɔkyekyee.

20Sɛ ne yafunu ammee da nti,

ɔrenkora nea n’ani gye ho no biara so.

21Wannidi annyaw bi da,

enti n’ahonyade rentena hɔ.

22N’adedodow mayɛ mu ne ho behia no,

amanehunufo nyinaa nsa bɛba no so.

23Ɔbɛma n’abufuhyew aba no so,

ama ɔde ahyɛ n’afuru ma,

na ɔbɛma atɔ agu no so de ayɛ n’aduan.

24Oguan fi dade akode ano a,

kɔbere agyan bɛwɔ no ahwirew no mu;

25 Nnw 7.12; Deut 32.41 otu fi ne honam mu,

na agyan no fi ne bɔnwoma mu a,

owu nyinnyam begu no so.

26 Deut 32.22 Wɔde sum nyinaa asie n’akorade,

ogya a obi mfita mu bɛhyew no,

ɛbɛhyew nea aka ne ntamadan mu.

27Ɔsoro beyi n’amumɔyɛ adi,

na asase bɛsɔre ahyɛ no.

28Wɔbɛsoa ne fi ahonyade akɔ,

wɔbɛtwe akɔ, n’abufuw da no.

29Eyi ne onipa, ɔbɔnefo kyɛfa a, efi Onyankopɔn nkyɛn,

ne n’agyapade, a Onyankopɔn ahyɛ ama no no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help