1 2 Ah 22.20 Ɔtreneeni yera,
na obi mfa nhyɛ ne koma mu,
na wɔfa nnipa pa kɔ,
na obi nte ase,
na woyi ɔtreneeni no kɔ, fi bɔne a ɛbɛba no anim.
2 Yes 26.20; Dan 12.13 Ɔkɔ asomdwoe mu;
wɔhome wɔn nnae so,
wɔn a wɔanantew wɔn teeyɛ mu no.
Ɔman no bra bɔne3 Mat 12.39 Na mo de, muntwiw mmra ha,
ɔbeabayifo mma, ɔwaresɛefo ne aguaman asefo.
4Hena ho fɛw na mudi yi?
Hena so na motɛɛtɛɛ mo anom
na motwe mo tɛkrɛma mu yi?
Ɛno, ɛnyɛ mmarato mma
ne atoro asefo ne mo anaa?
5 Yer 2.20, 24 Mo a mo ani yɛ hyew abosonnua ho,
nnua frɔmfrɔm nyinaa ase,
mukunkum mmofra asubon mu,
abotan mpaepae ase;
6asubon mu abo torotoro mu na wo kyɛfa wɔ,
ɛno, ɛno ne wo ntonto,
nso ɛno so na wuhwiee ahwiesa
na wode ayɛyɛde gui,
so eyinom so na me bo bedwo anaa?
7Bepɔw sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so
na wosɛw wo nnae,
ɛhɔ ara nso na woforo kɔe kɔbɔɔ afɔre;
8na wode wo nkae ade no
sii ɔpon ne apongua mu fam,
na wufii m’akyi koyii wo nnae so foroe,
na wobaee mu
na wo ne wɔn dii nea wubegye wɔn ano,
wopɛɛ wɔne wo nna
na wuhuu wɔn adagyaw mu.
9Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa ɔhene no,
na womaa wo nnuhuam dɔɔso,
na wosomaa w’abɔfo akyirikyiri,
na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ asaman.
10Wo kwantenten no nti wobrɛe,
nanso woanka sɛ: Ɛho nni mfaso;
wunyaa wo nsam akwahosan nti,
anyɛ wo yaw.
11 Nnw 50.21 Na hena nti na wo koma tui na wusuroe,
na wudii atoro
na woankae me
amfa anhyɛ wo koma mu yi?
So me de, ɛnyɛ komm a mifi tete mayɛ nti
na wunsuro me yi?
12Mɛka wo trenee ne wo nneyɛe makyerɛ,
nso ɛrenyɛ wo mfaso bi.
13Woteɛm a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo.
Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa,
ohuw bɛfa wɔn akɔ;
na nea oguan toa me no benya asase adi,
na wanya me bepɔw kronkron atena so.
14 Yes 62.10 Na wɔbɛka sɛ: Muntu ngu so,
muntu ngu so, mommɔ ɔkwan,
munyi akwanside biara mfi me man kwan mu.
Ɔdom ho bɔhyɛ foforo15 Nnw 113.5-9; Yes 66.1-2; Nnw 51.17 Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni:
Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron,
ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso,
sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom
anya nkwa, na mama wɔn
a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.
16 Nnw 103.9 Na merenham nkosi daa,
na me bo renhuru daa,
na anka honhom bɛtɔ beraw, m’anim,
ne akra a me ara na meyɛe.
17N’anibere a ɛyɛ amumɔyɛ nti na me bo fuwii
na mehwee no, mihintawee, na me bo hurui;
nanso ɔkɔɔ so san n’akyi faa ne koma kwan so.
18Mahu n’akwan, nso mɛsa no yare;
mɛkyerɛ no kwan, na masan makyekye ne werɛ,
na mabɔ anofafa so aba ama ne nkɔmmɔdifo.
19 Efe 2.17 Asomdwoe, asomdwoe nka nea ɔwɔ akyirikyiri
ne nea ɔbɛn, AWURADE na ose, na mɛsa no yare.
20 Yuda 13 Na abɔnefo te sɛ ɛpo a ehuru kutukutu;
na entumi nyɛ komm,
na emu nsu puw dontori ne dɔte gu.
21 Yes 48.22 Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, me Nyankopɔn na ose.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.