Numeri 31 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Midianfo sɛe ne Bileam kum

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Deut 25.17; 27.13 Tɔ Midianfo so were ma Israelfo, na ɛno akyi no woakɔ wo nsumankyiri.

3Na Mose kasa kyerɛɛ ɔman no sɛ: Momma mo mu mmarima mmia wɔn ho ntu Midian so sa, na wɔmfa AWURADE aweretɔ mmra Midianfo so.

4Israel mmusuakuw nyinaa mu, momma abusuakuw biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.

5Na woyiyii Israel mpem ahorow mu nnipa mpem dumien a wɔamia rekɔ ɔsa, abusuakuw biara mu apem.

6Deut 25.7; 10.2 Na Mose somaa wɔn kɔɔ ɔsa no, abusuakuw biara mu apem, wɔne ɔsɔfo Eleasar ba Pinehas, a kronkronbea hɔ nneɛma ne osebɔ ntorobɛnto no wɔ ne nsam.

7Deut 20.13 Na wɔne Midian kɔkoe, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, na wokunkum wɔn mmarima nyinaa;

8Yos 13.21-22; Deut 22.5 na wokum Midian ahemfo nso kaa wɔn a ɛtotɔe no ho. Median ahemfo a wokum wɔn yɛ baanum a wɔne: Ewi, Rekem, Sur, Hur, ne Reba, na Beor ba Bileam nso, wɔde nkrante kum no.

9Na Israelfo no faa Midian mmea ne mmofra nnommum, na wɔfom wɔn anantwi ne wɔn nguan ne wɔn ahode nyinaa;

10na wɔtotoo wɔn nkurow nyinaa ne wɔn nsraban nyinaa, mu gya.

11Na wɔde asade no nyinaa ne nnipa ne mmoa a wɔfae no nyinaa

12brɛɛ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne Israelfo asafo no; nnommum ne mmoa a wɔfae ne asade no, wɔde baa nsra no mu, Moab tataw a ɛda Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no so.

13Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne asafo no mmapɔmma nyinaa fi nsra no mu fii adi kohyiaa wɔn.

14Na Mose bo fuw dɔm no asafohene a wodi apem apem ne ɔha ɔha so a wofi akono reba no;

15na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye mmea no nyinaa nkwa anaa?

16Deut 25.1; Adi 2.14 Hwɛ, wɔn na wɔfaa Bileam asɛm so maa Israelfo wae fii AWURADE ho, Peor asɛm no mu, na ɛmaa ɔhaw baa AWURADE asafo mu no.

17Ate 21.11 Enti munkunkum mmofra no mu mmarima nyinaa, na mmea no mu biara a onim ɔbarima ne ɔbarima ada no nso, munkum no;

18na mmofra no mu mmea a wonhuu mmarima nna no de, munnye wɔn nkwa na momfa wɔn.

19 Deut 19.11 Na mo ankasa nso, mommɔ nsra ntena mu nsra no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obi ne obiara a waka ɔtɔfo no, munnwira mo ho da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no, mo ne mo nnommum no.

20Na atade biara ne nhoma ade biara ne ade a wɔde abirekyi nwi ayɛ nyinaa ne dua ade nyinaa, munnwira ho.

21Na ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ akofo a wɔkɔɔ ɔsa no sɛ: Eyi ne mmara a AWURADE de ahyɛ Mose no mu ahyɛde:

22Sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne sanyaa ne sumpii de,

23ade biara a ɛkɔ ogya mu no, momma ɛmfa ogya mu na ɛho ntew, nanso momfa ahodwira nsu nnwira ho. Na ade biara a ɛnkɔ ogya mu no, momma ɛmfa nsu mu.

24Na monhoro mo ntade da a ɛto so ason no, na mo ho ntew, na ɛno akyi ansa na mommra nsra no mu.

Asade mu kyekyɛ

25Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

26Wo ne ɔsɔfo Eleasar ne asafo no mu agyanom afi mu atitiriw no mmu nnommum ne nea wɔfae, nnipa ne mmoa, no ano.

27Yos 22.8; 1 Sa 30.24 Na kyɛ asade no mu abien ma akofo a wɔkɔɔ ɔsa no ne asafo no nyinaa.

28Na gye akofo a wɔkɔɔ ɔsa no hɔ tow ma AWURADE: nnipa ne anantwi ne mfurum ne nguan mu, ahanum ahanum mu mmiako mmiako,

29fi wɔn fa a wonyae no mu, na fa ma ɔsɔfo Eleasar sɛ AWURADE soma afɔrebɔde.

30Israelfo fa no mu de, gye nnipa ne anantwi ne mfurum ne nguan ne afieboa nyinaa mu, aduonum aduonum mu mmiako mmiako, na fa ma Lewifo a wokura AWURADE tenabea ho adwuma no.

31Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

32Nso asade a ɛyɛ asade a dɔm no fae no nkae si nguan ɔpehansia ne ɔpeduɔson anum,

33ne anantwi ɔpeduɔson abien,

34ne mfurum ɔpeduosia biako,

35ne akra, ɔpeduasa abien mmea a wonhuu mmarima nna, mu akra nyinaa si ɔpeduasa abien.

36Na ɔfa a ɛyɛ wɔn a wɔkɔɔ ɔsa no kyɛfa no ano si nguan ɔpehasa ne ɔpeduasa ason ne ahannum;

37na nguan no mu tow a woyi maa AWURADE si nguan ahansia aduɔsɔn anum;

38na anantwi no si ɔpeduasa asia, na wɔn mu tow a woyii AWURADE si aduɔson abien;

39na mfurum no si ɔpeduasa ahanum, na tow a woyii maa AWURADE si aduosia biako;

40na akra no si ɔpedunsia, na wɔn mu tow a woyii AWURADE si aduasa abien.

41Na Mose de AWURADE soma tow no maa ɔsɔfo Eleasar, sɛnea AWURADE hyɛɛ no.

42Na Israelfo no fa a Mose gyee akofo no nsam no mu de,

43ɔfa a ɛyɛ asafo no de no ne: nguan no mu ɔpehasa aduasa ason ne ahanum,

44ne anantwi ɔpeduasa asia,

45ne mfurum ɔpeduasa ne ahanum,

46ne nnipa akra ɔpedunsia.

47Na Mose faa Israelfo no fa no mu de, nnipa ne mmoa mu aduonum aduonum mu mmiako mmiako, na ɔde maa Lewifo a wokura AWURADE tenabea ho adwuma no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

48Ɛnna asafohene a wodi dɔm mu mpem ahorow so no, nnipa apem apem ne ɔha ɔha so atitiriw no twiw bɛn Mose

49bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa abu akofo a wɔwɔ yɛn nsam no ano, na wɔn mu biara anyera;

50enti na yɛde AWURADE ayɛyɛde reba yi, obiara a onyaa sika nnwinne, basa so nkapo, bakɔn so nkapo, nsɔanonkaa, asomkaa ne kɔmuade, sɛ wɔmfa mpata mma yɛn kra, AWURADE anim.

51Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee wɔn hɔ sika no, nnwinne no nyinaa;

52na ɛsoma sika a wɔmaa so maa AWURADE no nyinaa si nnwetɛbona ɔpedunsia ahanson aduonum a efi apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam.

53Nea akofo no fom kaa ho no, wɔn ara fofae.

54Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee sika no, apem apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam, na wɔde baa ahyiae ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ Israelfo no nkae ade, AWURADE anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help