Yesaia 48 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn yɛ ɔbɔadeɛ ne ogyefo

1 Yes 51.1 Muntie eyi, Yakob fi,

mo a wɔde Israel din afrɛ mo

na mufi Yuda asen mu no,

mo a mode AWURADE din ka ntam

na mobɔ Israel Nyankopɔn din,

na ɛnyɛ nokware anaa trenee mu no.

2Na wɔde kurow kronkron no frɛ wɔn ho,

na wotweri Israel Nyankopɔn

a asafo AWURADE ne ne din no.

3Kan nneɛma no, mifi mekae ɛnyɛ nnɛ,

na efii m’anom, na mama wɔate;

mpofirim na meyɛe, na ɛbae.

4 Yer 5.3 Efisɛ minim sɛ woyɛ asoɔden,

na wo kɔn yɛ ɔdaban,

na wo moma yɛ kɔbere;

5enti na meka mekyerɛɛ wo akyɛ;

ennya mmae no, mema wotee,

na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛe,

me honi a wɔasen ne me gu honi na wɔhyɛe.

6Woate; na afei hwɛ eyi nyinaa;

na wo nso worenka nkyerɛ?

Merema woate nsɛm foforo afi sesɛɛ,

ne nea wɔakora so a wunhui no;

7afei na wɔabɔ, na emfi tete,

na wontee da gye nnɛ,

na woanka sɛ: Hwɛ, minim dedaw.

8Wontee pɛn, nso wunhui ɛ,

efi tete na w’aso mmuei;

na minim sɛ nkontompo ara na wutwa,

na wɔfrɛ wo mmaratofo fi yafunu mu.

9Me din nti na metwentwɛn m’abufuw ase,

na m’ayeyi nti midwoo m’ani memaa wo,

na mansɛe wo.

10 Nnw 66.10 Hwɛ, manan wo, nso ɛnyɛ sɛ dwetɛ,

masɔ wo ahwɛ, amane fononoo ahorow mu.

11 Yes 42.8 Me nti, me nti ara na meyɛ;

efisɛ, wonhura me din ho dɛn?

Meremfa m’anuonyam memma obi.

Ɔdom foforo ne nkwagye foforo

12 Yes 41.4 Tie me, O Yakob,

ne Israel a mafrɛ wo,

mene no, mene odikanfo,

na me ara nso ne okyidifo.

13Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase ase,

na me nifa de ɔsoro trɛw hɔ;

sɛ mefrɛ wɔn a,

wobegyinagyina hɔ.

14 Yes 41.2 Mo nyinaa mommoaboa mo ho ano ntie:

Wɔn mu hena na ɔkaa eyinom?

Nea AWURADE dɔ no no

bɛyɛ n’anisɔde Babel ho,

na ne basa ayɛ Kaldeafo ho.

15Me, me na maka, nso mafrɛ no;

mama waba, na ne kwan yɛ no siadekwan.

16 Yes 45.19 Muntwiw mmɛn me, muntie eyi.

Ɛnyɛ ahintawee mu na mifi mfiase mekasae;

efi bere a ɛbae no na mewɔ hɔ,

na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom.

17Sɛ AWURADE se ni:

Wo dimafo, Israel kronkronni no:

Me AWURADE, wo Nyankopɔn,

mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo,

na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.

18 Deut 5.29 Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ,

anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten,

na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye,

19Anka w’asefo bɛdɔ sɛ anwea,

na wo yafunu mufo ayɛ sɛ atoko;

wɔrentwa wɔn din nkyene,

na wɔrensɛe no mfi m’anim.

20 Yes 52.11; Yer 51.6; 2 Ko 6.17; Adi 18.4 Mumfi Babel, munguan mfi Kaldeafo mu;

momfa ahurusi nne nka eyi, monteɛm mma wɔnte,

momma emfi nkodu asase ano.

Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.

21 Eks 17.6 Ɔde wɔn nam anwea pradada so no, nanso osukɔm anne wɔn;

otuee nsu fii ɔbotan mu maa wɔn,

ɔpaee ɔbotan mu maa nsu senee.

22 Yes 57.21; 66.24 Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo,

AWURADE na ose.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help