1 Yohane NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUYohane nhoma a edi kan no kura botae abien: Nkuranhyɛ a ɔhyɛ n’akenkanfo sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatena ase wɔ Onyankopɔn ne ne ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu. Ɔsan bɔ wɔn kɔkɔ fa atoro nkyerɛkyerɛ a ebetumi asɛe saa ayɔnkofa yi ho. Saa nkyerɛkyerɛ yi nnyinaso ne sɛ, wiase mu nkitahodi de bɔne ba. Eyi nti Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no ntumi mma honam mu. Nkyerɛkyerɛ yi kɔ so ara ka sɛ, nkwagye ne sɛ obi beyi ne ho afi wiase asetena mu nsɛm ho. Ɛka nso sɛ, nkwagye mfa abrabɔ pa anaa ɔdɔ a yɛde dɔ yɛn mfɛfo ho.Nea ɔkyerɛwfo yi ka no pefee de tia saa nkyerɛkyerɛ yi, ka sɛ, Yesu Kristo aba honam mu. Osi so dua nso sɛ, obiara a ogye Yesu no na ɔdɔ Nyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne yɔnko nso.EMU NSƐMMfiase no nkyerɛkyerɛmu 1.1-4Hann ne sum 1.5—2.29Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma 3.1-24Nokware ne atoro 4.1-6Ɔdɔ ne dwumadi 4.7-21Nkonimdi a efi gyidi mu 5.1-21