Yeremia 13 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔman no seante

1Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me ni: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔso, na fa bɔ w’asen, na mfa mmɔ nsu mu.

2Ɛnna midii AWURADE asɛm no so kɔtɔɔ abɔso no, na mede mebɔɔ m’asen.

3Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn, ne mprenu so, sɛ:

4Fa abɔso a wotɔe a ɛbɔ w’asen no, na sɔre kɔ Eufrate, na fa kɔkora ɔbotan tokuru mu.

5Na misiim mede mekɔkorae Eufrate, sɛnea AWURADE hyɛɛ me no.

6Na nna pii akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Eufrate, na kɔfa abɔso a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔkora hɔ no bra.

7Na misiim mekɔɔ Eufrate, na mekɔbɔre mefaa abɔso no mifii nea mede mekorae no; na hwɛ, abɔso no asuw, enye mma hwee.

8Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

9Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no.

10Yer 11.8 Ɔmammɔne yi a wɔmpɛ sɛ wotie me nsɛm, na wɔnam wɔn koma denyɛ mu, na wodi anyame foforo akyi som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔso a enye mma hwee yi.

11Na sɛnea abɔso fam onipa asen no, saa ara na mama Israel fi nyinaa ne Yuda fi nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔnyɛ me ɔman ne din ne ayeyi ne anuonyam; nanso wɔantie.

12Enti ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama. Na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: So onim na yennim sɛ nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama?

13Yer 25.15-18; Yes 51.17 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mɛma asase yi sofo nyinaa, ne ahene a wɔtete Dawid agua so, ne asɔfo ne adiyifo ne Yerusalemfo nyinaa abobow tintaan.

14Na mede wɔn mɛbobɔ wɔn yɔnkonom, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm ni; merenkyɛe wɔn so, na merenhu wɔn mmɔbɔ, na me yam renhyehye me a enti merensɛe wɔn.

Kɔkɔbɔ, nkɔmmɔdi ne duema

15Muntie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan,

na AWURADE na ɔkasa.

16Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn anuonyam

ansa na wama sum aduru,

ansa na mo anan ahintiw

mmepɔw kusuu no,

na morehwɛ hann kwan a,

wadan no sunsuma,

na wama sum kabii aduru.

17 Yer 9.1 Na sɛ moantie a,

me kra besu kokoam, mo ahantan nti,

na m’aniwam afi nusu ara, na nusu aporoporow me,

sɛ wɔafa AWURADE nguankuw no nnommum.

18 Kwa 5.16 Se ɔhene ne ɔhemmea no sɛ:

Mommrɛ mo ho ase ntena ase,

na mo anuonyam abotiri no

afi mo atifi atɔ.

19Wɔatoto nifa fam nkurow no mu,

na obi nni hɔ a obehiɛ;

wɔatu Yuda nyinaa kɔ,

wɔatu wɔn kɔ korakora.

20Ma w’ani so na hwɛ

wɔn a wofi atifi fam reba yi,

ɛhe na wo mmoakuw a wɔde maa wo,

w’anuonyam nguan kuw no wɔ?

21Sɛ ɔde wɔn a wo ara woayɛn wɔn

sɛ wo nnamfonom si wo so atitiriw a,

dɛn na wobɛka?

So awoko renka wo

sɛ ɔbea wofo anaa?

22 Yes 47.2-3; Hes 16.37 Na sɛ woka wo koma mu sɛ:

Ɛdɛn nti na eyinom ato me yi a,

w’amumɔyɛ bebree nti na

wɔayi w’atade nhyɛase adi,

wɔahyɛ wo nantin yaw.

23 Nnw 55.19 So Etiopiani betumi asakra ne were,

anaasɛ ɔsebɔ bɛsakra ne ho nworannworan?

Ɛnne mo nso mubetumi ayɛ papa,

mo a bɔneyɛ akokwaw mo.

24Enti mɛbɔ wɔn mapete sɛ ntɛtɛwa

a sare so mframa de no kɔ.

25Eyi ne w’ade a wubenya,

wo kyɛfa a masusuw mama wo, AWURADE asɛm ni,

efisɛ wo werɛ afi me,

na wode wo ho ato atoro so.

26 Yer 13.22 Na m’ankasa nso meyi w’atade nhyɛase mabua w’ani so,

na wɔahu w’ahohora no.

27Mahu w’atantansɛm no

W’awaresɛe ne wo mmɔnbɔ,

w’aguamammɔ a womfɛre ho no,

wɔ nwuram ne nkoko so.

Due, O Yerusalem, enkosi da bɛn ara

na wo ho bɛtew bio?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help