1 1 Be 6.13 Na nsɛm yi akyi no, Persia hene Artasasta ahenni mu no, Esra a ɔyɛ Seraia ba, na ɔyɛ Asaria nana ne Hilkia nanankanso
2Salum ba Sadok ba Ahitub ba
3Amaria ba Asaria ba Meraiot ba
4Serahia ba Usi ba Buki ba
5Abisua ba Pinehas ba Eleasar ba Aaron, ɔsɔfo panyin no, ba,
6Esra 7.9, 28; 8.18, 22; Neh 2.8 ɔno Esra no foro fi Babel bae, nso ɔyɛ ɔkyerɛwfo a wakwadaw Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de mae no mu. Ɔno na ɔhene de nea obisae nyinaa maa no, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nsa wɔ no so.
7 Esra 2.43 Na Israelfo mu bi ne asɔfo ne Lewifo ne nnwontofo ne aponanohwɛfo ne nsɔfokwaa no mu bi ne no foro baa Yerusalem, ɔhene Artasasta afe a ɛto so ason mu.
8Na ɔbaa Yerusalem ɔsram a ɛto so anum no so, ɔhene no afe a ɛto so ason no ara mu.
9Esra 7.6 Na ɔsram a edi kan no da a edi kan no so wɔhyɛe sɛ omfi Babel mforo nkɔ, na ɔsram a ɛto so anum no da a edi kan no, ɔbaa Yerusalem, efisɛ ne Nyankopɔn ayamye nsa no wɔ no so.
10Na Esra asiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ AWURADE mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel.
11Na nhoma a ɔhene Artasasta de maa ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo a ɔkyerɛw AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛde a ɔde hyehyɛɛ Israel no mu nsɛm no, ne nsusuwso ni:
12Hes 26.7 Artasasta, ahene mu hene no de kɔma ɔsɔfo Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara no kyerɛwfo a odi mu, ne ade.
13Me na mahyɛ ahyɛde sɛ m’ahenni mu nnipa biara a wofi Israel man mu ne n’asɔfo ne Lewifo mu a woyi wɔn yam sɛ wɔbɛkɔ Yerusalem no, wɔne wo nkɔ.
14Efisɛ ɔhene ne n’agyinatufo baasɔn no asoma wo sɛ kɔ na kɔhwehwɛ Yuda ne Yerusalem mu sɛ wo Nyankopɔn mmara a ɛwɔ wo nsam no te.
15Na fa dwetɛ ne sika a ɔhene ne n’agyinatufo ayi wɔn yam de akyɛ Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no,
16ne dwetɛ ne sika a wubenya Babel asase nyinaa so nyinaa, ne ayamye ade a ɔman ne asɔfo no yi wɔn yam de ma wɔn Nyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no.
17Eyi nyinaa nti bɔ mmɔden fa sika no tɔ anantwi, adwennini, nguammaa ne wɔn ho aduan afɔre ne ahwiesa, na fa kɔbɔ afɔre, afɔremuka a ɛwɔ mo Nyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no so.
18Na ade biara a wo ne wo nuanom pɛ sɛ mode dwetɛ ne sika no nkae no bɛyɛ no, monyɛ no sɛnea mo Nyankopɔn no pɛ.
19Nso nneɛma a wɔde ahyɛ wo nsa ama wo Nyankopɔn fi som no, yi no Yerusalem Nyankopɔn no anim.
20Na nea aka a ehia sɛ wohwere no Onyankopɔn fi no, fa fi ɔhene adekora fi ma.
21Na me, ɔhene Artasasta, mahyɛ sikakorafo a wɔwɔ asuogya no nyinaa sɛ, ade a ɔsɔfo Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara kyerɛwfo no, bebisa mo no nyinaa, mommɔ mmɔden nyɛ,
22enkosi dwetɛ talente ɔha ne awi karibo ɔha ne nsa ahina ɔha ne ngohina ɔha ne nkyene a wommu ano so.
23Ade a ɔsoro Nyankopɔn hyɛ no nyinaa, ma wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ mma ɔsoro Nyankopɔn fi no, na abufuw ansɔre anhyɛ ɔhene ne ne mma ahenni no.
24Na yɛrema moahu sɛ asɔfo ne Lewifo ne nnwontofo ne aponanohwɛfo ne nsɔfokwaa ne asomfo a wɔwɔ Onyankopɔn fi no nyinaa, obiara nni ho kwan sɛ ogye wɔn tow, amanne ne akwanne.
25Na wo, Esra, sɛ wo Nyankopɔn nyansa a ɛwɔ wo nsam no te no, hyehyɛ atemmufo ne asɛnnifo, na wonni ɔman a wɔwɔ asuogya no nyinaa nsɛm, wɔn a wonim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na wɔn a wonnim nso, momma wonhu.
26Na obiara a ɔrenni wo Nyankopɔn no mmara ne ɔhene mmara so no, edi okum oo, sɛ nso wontwa no asu oo, sɛ nso wonnye ne nsam agyapade oo, anaa afiase nna oo, wɔmmɔ mmɔden mmu no ɛho atɛn ntɛm pa ara.
27Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene koma mu, sɛ ɔnhyehyɛ AWURADE fi a ɛwɔ Yerusalem no ho,
28Esra 7.6 na wakom adɔe aba me so wɔ ɔhene ne n’agyinatufo ne ɔhene mmapɔmma atumfo nyinaa anim. Na me nso minyaa ahoɔden, efisɛ AWURADE me Nyankopɔn nsa wɔ me so, na meboaa Israel mu atitiriw ano mihyiae, sɛ wɔne me mforo nkɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.